Nkaebɔ Ahorow
● NHOMA A YƐDE BƐMA: February ne April: You Can Live Forever in Paradise on Earth ¢20. March: Happiness—How to Find it anaa Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ wɔ Ewe ne Twi mu, ¢5.
● Wɔasesa nhoma a yɛde bɛma May mu no. Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban wɔ May ne afei June mu. Yɛsrɛ mo monhyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ Live Forever nhoma no no.
● Ɛrenkyɛ Asafo no befi ase atintim Arabic Nyan! (Afe biara anan na ɛbɔba) Gye sɛ distributors’ order nkutoo na wobetumi de akra eyi: yɛrennye nea ankorankoro kra. Yɛsrɛ mo, asafo ahorow a wɔde Arabic nhoma di dwuma wɔ wɔn asasesin mu no betumi ahwɛ dodow a wohia na wɔama yɛn nsa aka wɔn distributors’ order no ntɛm ara.
● Sɛ ɔmantam sohwɛfo bɛsra asafo a wɔrehwɛ ma wɔayɛ ɔmansin nhyiam, wɔ dapɛn no mu no a, ɔhwɛfo guamtrani no bɛhyehyɛ ma wɔabom ayɛ Asafo Nhoma Adesua simma 45. Ɔmantam sohwɛfo no ɔkasa a ne tenten yɛ simma 45 bedi eyi akyi.
● Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo sika nkontaabu mu March 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi hwɛ sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ.
● Ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ sɛ asafo no wɔ nneɛma a wohia nyinaa ma Nkaedi a esi March 29 ne ɔkasa titiriw a wɔbɛma no April 10 no. Momfa nhyɛ akasafo a wɔfata na wɔn ho akokwaw nsa. Monhwɛ sɛ mowɔ nsaano krataa a wɔde bɛto nsa afrɛ nkurɔfo aba n’abien nyinaa ase no dodow a ɛfata.
● Sɛnea wɔtaa yɛ no no, asafo ahorow nsa betumi aka Nkaedi bobesa no bi wɔ Baa Dwumadibea ha, momfa ade a emu tew a mode begu mu mmra anaasɛ mo nsa betumi aka bi afi amantam so ahwɛfo no hɔ wɔ amansin nhyiam ase. Abodoo a mmɔkaw nni mu no de, asafo biara bɛtõ ne de. Yɛsrɛ mo monhwɛ February 1, 1976, Ɔwɛn-Aban kratafa 29 na moahu sɛnea wɔtõ Nkaedi abodoo a ɛfata.
February mu Ɔmansin Nhyiam Horow
February 5, 6: Ɔmansin 15 wɔ Nsawam
February 5, 6: Ɔmansin 3A wɔ Odumasi Krobo
February 12, 13: Wɔrenyɛ nhyiam biara
February 19, 20: Ɔmansin 20 (yennim)
February 19, 20: Ɔmansin 5 wɔ Jasikan
February 26, 27: Ɔmansin 8 wɔ Sunyani
● Nhoma ahorow bo asesa—efi September 1, 1982
● Nhoma Akw. Asafo ne Ɔmanfo
Reading Aid ¢1.20 ¢1.20
Postcards (set of 10) ¢4.00 ¢4.00
Watchtower Binder ¢24.00 ¢24.00
Awake! Binder ¢24.00 ¢24.00
Kingdom Recordings
Album (cakr) ¢44.00 ¢56.00
Music Record Set (P1-10) ¢60.00 ¢80.00
Single Records (P1. P2. etc.) ¢6.00 ¢10.00
Medical Alert Card ¢0.10 ¢0.10
Yɛsrɛ mo monhwɛ nyɛ nsakrae ahorow no wɔ mo Cost List no so.