Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/82 kr. 4
  • Nkaebɔ Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1982
Yɛn Ahenni Som—1982
km 5/82 kr. 4

Nkaebɔ Horow

●Ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔwɔ asafo horow mu no hyɛ adawurubɔfo nkuran na wɔboa wɔn ma wɔkɔsrasra wɔn a wɔwɔ asɛm no ho anigye a wɔbaa Nkaedi no ase no na wɔboa wɔn ma wosua Bible no na wɔne yɛn bɔ fekuw.

Nhoma a yɛde bɛma May mu: Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a yɛbɛma wɔakra. Engiresi de no afe biako yɛ ¢28.00. Afe-fã yɛ ¢16.00, na nea ɛba ɔsram biara no afe biako bo nso yɛ ¢16.00. Hyɛ no nsow sɛ wontumi nkra nea ɛba pɛnkoro ɔsram biara no afe-fã. June mu no yɛde “Asɛmpa a Ɛbɛma Wo Ani Agye” na ɛbɛma. July mu no yɛde “Let Your Kingdom Come” na ɛbɛma, na yɛde Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm ama August mu.

● Adapɛn kakra a edi hɔ no mu no yɛde Adammisa Nkrataa bɛmana mo asafo no. Monhyehyɛ mo abisade no, nhwɛ sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ, na momfa nkɔ kurow a mobɛkɔ nhyiam no wɔ so no mu. YƐSRƐ MO, MOMMFA MMANA ASAFO TI NO.

● Aka asram abiɛsa pɛ na “Ahenni Nokware” Ɔmantam Nhyiam Horow adu. So woayɛ w’akwamma ho nhyehyɛe? Asafo horow betumi akra kratasin a wɔde bɔ koko so ne nea wɔde hyɛ mu no bi afei. Mumfi ase nsiesie wɔn a wɔhwehwɛ asubɔ mprempren.

● Eyinom ne nnwom a yɛbɛto wɔ “Ahenni Nokware” Ɔmantam Nhyiam horow no ase. Nnwom 95, 21, 76, 109, 51, 92, 91, 10, 65, 88, 82, 55, 71, 19, 29, 33, 39, 105, 62 ne 110. Asafo horow betumi afi ase abobɔ so.

Mpanyimfo akuw nyinaa bɛyɛ wɔn asram abiɛsa biara nhyiam no June mu. Ɛsɛ sɛ wɔde sɛnea wɔredi gyinae a wɔasisi dedaw ho dwuma ho nsusuwii ne nnansa yi ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ-ho kyerɛwtohɔ ho nkɔmmɔbɔ ka nneɛma a wobesusuw ho no ho.

● Yɛde Asasesin a Wɔmfa Nhyɛɛ Asafo Biara Nsa mu Dwumadi ho Akwammisa nkrataa remana asafo biara. Yɛsrɛ mo, monhyehyɛ no yiye na momfa mmana Asafo ti no June mu. Yɛhyɛ mo nyinaa nkuran sɛ monyɛ nhyehyɛe se mubenya saa adwuma yi mu kyɛfa ɔsom afe yi.

Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani yɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛkyekyɛ Ayaresa ho Nkaebɔ nkratasin foforo ntɛm ara sɛnea ɛbɛyɛ yiye, sɛ ɔnyɛɛ saa dedaw a. Twe asafo no adwene kɔ dwuma a wɔde di no so tiaa sɛnea wɔada no adi wɔ December 1, 1980 krataa no mu no. Fa krataa no bɔ Ahenni Asa so hɔ bɛyɛ dapɛn anaa adapɛn abien na afei yi kɔhyɛ mo kyerɛwtohɔ ahorow mu na wɔatumi asan ahwɛ mu daakye. Wɔhyɛ anuanom nkuran sɛ wɔnhyehyɛ no ntɛm, mma wonni ho adanse mfa nsa nhyɛ ase na wɔmfa date nhyɛ so.

Esiane honhom mu adesua a emu dɔ a ɛwɔ Kingdom Approached nhoma no mu no nti, wɔakyekyɛ emu adesua no mu ntiantia sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi abɔ ho nkɔmmɔ yiye a wontutu mmirika. Nanso, ɛnsɛ sɛ adesua so ahwɛfo ma adesua no yɛ nyaa sɛnea ɛbɛyɛ na asõ dɔnhwerew biako. Akuw a wobetumi awie adesua no ansa na dɔnhwerew biako aso no betumi de bere a aka no ayɛ Bible akenkan ne nkɔmmɔbɔ a egyina afa a wɔahyehyɛ ama Teokrase Ɔsom Sukuu a edi hɔ no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena