Nkaebɔ Horow
● Nhoma a yɛde bɛma wɔ September mu: Kratawa kyekyɛ ne nhoma a ekura nkratafa 384 anaa 416 no biako, de agye ntoboa ¢4.00. October: New World Translation, ne nhoma nketewa no mu foforo koraa a aba no, de agye ¢12.40. November: Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, de agye ¢10.00. December: Awake! nsɛmma nhomakra, a nhomawa abiɛsa ka ho, de agye ¢10.00. Nea ɛba daa ɔsram no bo yɛ ¢5.00, na yɛde nhomawa biako bɛka ho. Sɛ asafo mu ɔdawurubɔfo bi ma obi kra nsɛmma nhoma a ɛba adapɛn abien biara no bi a, ɔde ¢9.40 na ɛbɛba, na nea ɛba daa ɔsram no, ɔde ¢4.80 na ɛbɛbrɛ asafo no.
● Yɛsrɛ mo, monhyɛ no nsow sɛ wɔada nhoma ne nsɛmma nhoma kra bo foforo adi. Eyi kyerɛ sɛ saa bo foforo yi fi ase fi September 1. Sɛ biribi nti mo asafo no nsa nkaa cost list (nhoma horow bo a wɔahyehyɛ) foforo no bi a, yɛsrɛ mo, monkyerɛw mmegye bi ntɛm ara.
● Asafo horow a wɔnkyerɛw mmegyee asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa no betumi ayɛ saa. Yɛde akwammisa nkrataa amana asafo biara dedaw wɔ May mu, nanso sɛ mo asafo no nsa nkae a, mpanyimfo no betumi akyerɛw asafo ti no.