Emu Nsɛm
NNAWƆTWE A EFI ASE JUNE 27, 2016–JULY 3, 2016
3 Munsiesie Mo Ntam Nsɛmnsɛm Wɔ Ɔdɔ Mu
Yɛn sintɔ nti, sɛnea ɛte biara obi bɛyɛ biribi ma ahaw yɛn. Adesua asɛm yi bɛma yɛahu sɛnea yebetumi de Bible nnyinasosɛm asiesie yɛne afoforo ntam nsɛmnsɛm.
NNAWƆTWE A EFI ASE JULY 4-10, 2016
8 “Monkɔ Nkɔyɛ Aman Nyinaa M’asuafo”
Yehowa Adansefo nkutoo ne nnipa a wɔwɔ asase so nnɛ a wɔrema Yesu nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo 24:14 no abam. Adesua asɛm yi bɛma yɛahu nea enti a yɛreka saa. Afei nso, sɛ Bible ka sɛ yɛnyɛ “nnipa yifo” a, yebehu nea ɛkyerɛ—Mat. 4:19.
NNAWƆTWE A EFI ASE JULY 11-17, 2016
13 Sɛ Woresisi Gyinae a, Woyɛ no Sɛn?
Sɛ woresisi gyinae a, nea w’adwene yɛ wo sɛ eye no, ɛno na woyɛ? Anaa wubisa nkurɔfo sɛ, sɛ ɛyɛ wɔn a, anka dɛn na wɔbɛyɛ? Adesua asɛm yi bɛma yɛahu sɛ, sɛ yɛma Yehowa Nyankopɔn adwene kyerɛ yɛn kwan a, yebetumi asisi gyinae pa.
NNAWƆTWE A EFI ASE JULY 18-24, 2016
18 Bible Da so Ara Resesa W’abrabɔ?
Bere a woyɛɛ nsakrae akɛse bɔɔ asu wiei no, seesei ayɛ den ama wo sɛ wobɛyɛ nsakrae nketenkete anaa? Adesua asɛm yi bɛma yɛahu nea enti a ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ nsakrae nketenkete. Ɛbɛsan ama yɛahu sɛnea Onyankopɔn Asɛm bɛboa yɛn ama yɛakɔ so anya suban pa.
NNAWƆTWE A EFI ASE JULY 25-31, 2016
23 Nya Honhom Fam Aduan a Yehowa De Ma Yɛn no Nyinaa So Mfaso
Adesua asɛm yi bɛma yɛahu nneɛma bi a ebetumi ama yɛahwere honhom fam aduan. Yebehu nea yɛbɛyɛ a biribi a ɛte saa rento yɛn. Bio nso, yebehu nea yɛbɛyɛ anya honhom fam aduan a yɛn nsa ka nyinaa so mfaso.