Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w07 11/15 kr. 32
  • “Munnye M’akyɛde Ketewaa Yi”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Munnye M’akyɛde Ketewaa Yi”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
w07 11/15 kr. 32

“Munnye M’akyɛde Ketewaa Yi”

NÁ WƆAKYERƐW saa nsɛm yi wɔ krataa bi a Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Russia no nsa kae mu. Ná adaka kɛse bi a sɔks hyɛ mu mã ka krataa no ho.

Alla a wadi mfe 67 a ɔyɛ Yehowa Dansefo wɔ asafo bi a ɛwɔ Russia Apuei Fam mu no na ɔde akyɛde yi kɔe. Alla de bɛboro mfe du na asom Yehowa, na ɔde nsi ka Ahenni ho asɛmpa no. Nanso mpofirim ara na yare a ɛma obi fã dwudwo kaa no. Nanso ɔdɔ aka Alla ma wasuasua Kristoni ɔbea Dorka a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu a ɔyɛɛ ntade maa ne mfɛfo gyidifo no.—Asomafo Nnwuma 9:36, 39.

Alla kyerɛw wɔ ne krataa no mu sɛ: “Mintumi ntu me nan, nanso me nsa de ahoɔden da so ara wom. Enti menam nkrataakyerɛw so ka asɛm no.” Ɔde kaa ho sɛ: “Meyɛɛ m’adwene sɛ bere a ahoɔden da so ara wɔ me nsa mu no, mɛpompam sɔks kakra. Mepɛ sɛ mode sɔks yi ma anuanom a wɔrekosisi Ahenni Asa wɔ mmeae a awɔw wɔ hɔ, te sɛ Russia Apuei Fam ne Siberia no.”

Yesu Kristo kaa n’akyidifo anokwafo no ho asɛm sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Ɔdɔ a ɛte saa a Alla daa no adi no yɛ Yesu nokware asuafo agyiraehyɛde.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena