Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w06 7/1 kr. 20
  • “Manhwɛ Kwan Koraa Sɛ Ɛbɛkɔ Akowie Saa”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Manhwɛ Kwan Koraa Sɛ Ɛbɛkɔ Akowie Saa”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akyerɛkyerɛfo—Dɛn Nti na Yehia Wɔn?
    Nyan!—2002
  • Mɛyɛ Dɛn Ne Me Kyerɛkyerɛfo Ntam Ayɛ Kama?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Woyi Yehowa Ayɛ Wɔ Sukuu Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Mmabun a Wɔde Akokoduru Ka Wɔn Gyidi Ho Asɛm
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
w06 7/1 kr. 20

“Manhwɛ Kwan Koraa Sɛ Ɛbɛkɔ Akowie Saa”

NTOASO sukuu kyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ Spain kyerɛwee sɛ: “Yehowa Adansefo ada no adi bɛboro mfe ɔha ni sɛ wɔyɛ biako ampa, asɛm biara nni wɔn nokwaredi ho, na nea ɛsen biara no, obiara ntumi nsɛe wɔn gyidi.” Dɛn na ɛmaa saa ɔkyerɛkyerɛfo yi a ɔkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni hɔ no kaa asɛm a ɛte saa?

Nea ɛkɔfaa eyi nyinaa bae ne bere a wɔka kyerɛɛ Noemí a ɔyɛ Yehowa Dansefo a ɔkɔ ntoaso sukuu no sɛ ɔnkyerɛw asɛm bi bere a na ɔreyɛ ne sɔhwɛ a ɔde bewie sukuu no. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkyerɛw “Ahinasa Afasebiri Wɔ Nasi Nniso Ase” ho asɛm.

Adɛn nti na ɔpaw saa asɛmti no? Noemí kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Esiane sɛ na ɔkyerɛkyerɛfo bɛhwɛ m’adwuma no mu nti, mihui sɛ metumi de saa hokwan no adi no adanse. Ná sɛnea Yehowa Adansefo adi nokware akura wɔn mudi mu akosi ase wɔ Nasi Germany no ho asɛm aka me koma. Enti na migye di sɛ ɛbɛka afoforo nso koma saa ara.”

Noemí asɛm no kaa nkurɔfo pii koma sen sɛnea osusuwii. Wɔ October 5, 2002 no, onyaa abasobɔde wɔ n’asɛm a ɔkyerɛwee no ho wɔ nyansahu ne asetram nsɛm ho akansi bi a wɔyɛe wɔ ɔman no mu mu. Baguafo a wɔyɛ nhomanimfo 20 a wofi Spain sukuupɔn ahorow a agye din mu na wɔkyerɛɛ wɔn a wɔfata sɛ wonya abasobɔde wɔ akansi no mu.

Spain nhomasua soafo Pilar del Castillo na ɔde Noemí abasobɔde no maa no. Noemí faa hokwan yi so de Jehovah’s Witnesses Stand Firm Against Nazi Assault video no maa ɔsoafo no. Ɔsoafo no de anigye gyee akyɛde no.

Atesɛm krataa a ɛwɔ Noemí kurom Manresa kaa mmɔden a ɔbɔe wɔ ne sukuu adesua mu no ho asɛm na wɔfaa n’asɛm a ɔkyerɛwee no mu asɛm baa atesɛm krataa no mu. Ne sukuu no sohwɛfo ka kyerɛɛ no sɛ ɔmma no n’asɛm a ɔkyerɛwee no bi mma ɔmfa nka dwumadi a wɔbɛyɛ de ahyɛ ntoaso sukuu no mfe 75 ho fã no ho.

Noemí ka sɛ: “Manhwɛ kwan koraa sɛ me ntoaso sukuu adesua yi bɛkɔ akowie saa.” Bere a mekenkan asɛm a me kyerɛkyerɛfo, Owura Jorge Tomás Calot kyerɛw kaa m’asɛm no ho no, “M’ani gyei mmoroso.”

“‘Meyɛ obi a minnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ de, nanso metumi agye adi koraa sɛ saa Opumpuni yi a ɔma n’asomfo fi komam ‘da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn yɔnko’ no wɔ hɔ.’”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena