Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w05 3/15 kr. 31
  • ‘Ɔte Sɛ Aboɔden Abo Kɔkɔɔ’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Ɔte Sɛ Aboɔden Abo Kɔkɔɔ’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
w05 3/15 kr. 31

‘Ɔte Sɛ Aboɔden Abo Kɔkɔɔ’

ƆSOMAFO Yohane nyaa anuonyam ahengua bi a ɛwɔ soro ho anisoadehu. Na Nea ɔte ahengua no so no te sɛ “ahwehwɛbo.” Na ɔte sɛ “aboɔden abo kɔkɔɔ” nso. (Adiyisɛm 4:2, 3, NW) Na ɛyɛ abo bɛn?

Na saa abo no nyɛ abo a ɛhyerɛn nanso hann ntumi mfa mu. Wɔ tete mmere mu no, na wɔde Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “ahwehwɛbo” di dwuma de kyerɛ abo a ne kɔla gu ahorow, a aboɔden abo a wotumi hwɛ anim hu akyiri ka ho. A. T. Robertson ka wɔ Word Pictures in the New Testament mu sɛ “ahwehwɛbo” a wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 4:3 no “nyɛ ahwehwɛbo a ɛwɔ hɔ nnɛ a ɛyɛ fow no bi.” Bio nso, akyiri yi, Yohane kaa ɔsoro kurow Yerusalem ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu sɛ: “Ne hyerɛn te sɛ ɔbo a ne bo yɛ denneennen, te sɛ ahwehwɛbo a emu tew sɛ ahwehwɛ.” (Adiyisɛm 21:10, 11) Ɛda adi sɛ abo a Yohane kaa ho asɛm no yɛ abo a hann tumi fa mu.

Onipa a Yohane huu no wɔ n’anisoadehu no mu sɛ ɔte ahengua so no ne Onii a ɔwɔ anuonyam sen obiara wɔ amansan yi mu no, Yehowa Nyankopɔn. Ɔyɛ kronkron a obiara ne no nsɛ. Nea ɛne no hyia no, ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn yɛ hann, na esum biara nni ne mu.” (1 Yohane 1:5) Ne saa nti, Yohane hyɛɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran sɛ ‘wɔn tew wɔn ho sɛnea Yehowa nso ho tew’ no.—1 Yohane 3:3.

Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama Onyankopɔn abu yɛn sɛ yɛn ho tew? Ade a ɛho hia paa ne sɛ yebenya Kristo mogya a ohwie gu maa yɛn bɔne fafiri no mu gyidi. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nso ‘nantew hann’ no mu denam Bible no a yebesua no daa na yɛde nea ɛkyerɛkyerɛ no abɔ yɛn bra no so.—1 Yohane 1:7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena