Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w04 1/15 kr. 32
  • ‘Onyankopɔn Nte Asɔrefie A Wɔde Nsa Asi mu’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Onyankopɔn Nte Asɔrefie A Wɔde Nsa Asi mu’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
w04 1/15 kr. 32

‘Onyankopɔn Nte Asɔrefie A Wɔde Nsa Asi mu’

AKYINNYE biara nni ho sɛ na ɔsomafo Paulo nim Athena asɔrefie ahorow no, efisɛ na wotumi hu eyi wɔ nkurow a ɔkɔsrasraa hɔ wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu mu no pii mu. Sɛnea The Encyclopædia Britannica kyerɛ no, na wonnim Athena sɛ ɔko ne nyansa nyamewa nko, na mmom “adwinni ne biribiara a wɔyɛ wɔ asomdwoe bere mu” nyamewa nso.

Ná Athena asɔrefie a agye din sen biara ne Parthenon, a ɛwɔ Atene, kurow a wɔde too nyamewa no. Wobuu Parthenon sɛ asɔrefie a na ɛsosõ sen biara wɔ tete bere mu no mu biako, na na emu na Atena nyamewa a wɔde sika kɔkɔɔ ne asonse ayɛ a ne tenten yɛ mita 12 no si. Bere a Paulo kɔsraa Atene no, na asɔrefie a wɔde abo fitaa asi yi agye din yiye wɔ kurow no mu bɛyɛ mfirihyia 500 dedaw.

Bere a na obiara ani tua Parthenon no, Paulo kaa ‘Onyankopɔn a ɔnte asɔrefie a wɔde nsa asi mu’ no ho asɛm kyerɛɛ Atenefo kuw bi. (Asomafo no Nnwuma 17:23, 24) Ebia na sõ a Athena asɔrefie ahorow no sosõ ne anuonyam a n’ahoni wɔ no maa Paulo atiefo no ani gyee Athena ho sen Onyankopɔn a aniwa nhu no na wonnim no no. Nanso, sɛnea Paulo daa no adi no, ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ adesamma Bɔfo no ‘te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɔbo, anaa biribi a onipa de ne nsa ayɛ.’—Asomafo no Nnwuma 17:29.

Anyame ne anyamewa te sɛ Athena—a na wɔn anuonyam gyina asɔrefie ne ahoni so no—aba, atwam kɔ. Athena honi yera fii Parthenon wɔ afeha a ɛto so anum wɔ Y.B. mu, na n’asɔrefie ahorow no kakraa bi pɛ na wohwehwɛ n’amamfõ a wubehu. Hena na ɔdan kɔ Athena nkyɛn kɔhwehwɛ nyansa ne akwankyerɛ nnɛ?

Hwɛ sɛnea ɛyɛ soronko wɔ Yehowa, “daa Nyankopɔn” a onipa biara nhuu no da no ho. (Romafo 16:26; 1 Yohane 4:12) Kora mma no kyerɛwee sɛ: “Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa, ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfo de akosi owu mu.” (Dwom 48:14) Ɔkwan biako a yɛbɛfa so anya Yehowa Nyankopɔn akwankyerɛ ne sɛ yebesua N’asɛm, Bible, no na yɛde emu afotu adi dwuma wɔ yɛn asetram.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena