“Ɔkwan Bɛn na Yɛbɛfa so Anyan Yɛn Asɔre Ahorow No?”
ANYƐ nnipa pii nwonwa sɛ France Katolekfo nsɛmma nhoma Famille Chrétienne (Kristofo Abusua) no bisaa saa asɛm no nnansa yi. Britain Sɔfopɔn Hume mpo frɛɛ asɔre ahorow no “abran a wɔadeda.” Wɔasusuw ho sɛ wɔbɛtetew akuw wɔ asɔre ahorow mu ma wɔaka asɛm no akyerɛ afoforo, na wɔnam so asiw nkotɔ no ano. Italy sɔfo bi frɛ no: “Akwan foforo a yɛbɛfa so aka asɛm no akyerɛ tee.” Ɛwom sɛ pope hyɛɛ akwan a ɛte saa ho nkuran nnansa yi de, nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔahu sɛ ɛho hia sɛ wɔka wɔn gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo.
Pigi Perini, ɔsɔfo bi a ɔwɔ Milan, baa Afrika nnansa yi, na ɔbea kokorani bi ka kyerɛɛ no sɛ: “Madi mfirihyia 40 wɔ ha, na matumi aka m’ano atom a memmɔɔ Yesu din da sɛnea ɛbɛyɛ a merensɛe Afrikafo amammerɛ.” Ɔsɔfo no wie n’asɛm no sɛ: “Yɛnka Yesu ho asɛm bio, yɛnka Yesu ho asɛm nkyerɛ afoforo bio, yɛagyae asɛmpa no ka!” Nanso, wɔ nnipa foforo pii fam no, asɛnka yɛ wɔn asetram ade titiriw ne ɔkwan a wɔnam so wɛn wɔ honhom fam. Pigi Perini gye toom sɛ: “Sɛ wuhyia nnipa baanu a wɔka Kristo ho asɛm wɔ gua so, anaasɛ wɔde Bible ahyɛ wɔn mmɔtoam a, nea woka no wo tirim ne sɛ: Hwɛ, Yehowa Adansefo!”
Nnipa ɔpepem pii ani gye ho sɛ wɔne Yehowa Adansefo besusuw Onyankopɔn Asɛm ho. Akyinnye biara nni ho sɛ Adansefo no ayɛ nhyehyɛe ne nkurɔfo susuw Bible ho wɔ w’ankasa wo mpɔtam hɔ. Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, saa Kristofo a wɔyɛ nsi yi hyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran sɛ wɔnka wɔn gyidi ho asɛm nkyerɛ afoforo. Wɔn nhyiambea (a wɔfrɛ no Ahenni Asa) no yɛ mmeae a wɔda ɔdɔ ne adamfofa adi. Dɛn nti na wonkɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow yi mu biako nkɔhwɛ sɛnea wubetumi ako atia honhom fam anibiannaso?