Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 6/1 kr. 32
  • Din Pa Mu a Yebekura

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Din Pa Mu a Yebekura
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 6/1 kr. 32

Din Pa Mu a Yebekura

MFONINI a ɛyɛ fɛ a yɛbɛhwɛ no yiye no betumi ayɛ anigyesɛm. Sɛ obi hwɛ no yiye a, obehu sɛnea mfoniniyɛfo bi de kɔla ɔhaha pii yɛ mfonini wɔ ntama bi so.

Saa ara na ɛnyɛ ade kɛse biako, sɛnea yɛbɛka no no, na ɛma yenya din pa, na mmom nneɛma nketenkete pii a yɛyɛ wɔ bere ne bere mu no. Yiw, yɛnam nneɛma a yɛyɛ no so de nkakrankakra nya din pa.

Ɔkwan foforo so no, ade biako pɛ a wɔamfa anni dwuma yiye no betumi ama mfonini bi fɛ asɛe. Saa ara na ɛte wɔ yɛn din ho. Ɔhene Salomo nyansafo no kae sɛ: “Onipa agyimisɛm dannan ne kwan.” (Mmebusɛm 19:3) Nea egye ara ne biribi ketewa bi a wɔfrɛ no agyimisɛm—ebia abufuhyew, asabow, ne nna mu brasɛe—na asɛe din pa a obi wɔ. (Mmebusɛm 6:32; 14:17; 20:1) Enti, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛbɔ mmɔden nya din pa, na yɛyɛ adwumaden de kura mu.—Fa toto Adiyisɛm 3:5 ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena