Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 6/1 kr. 8
  • “Onyankopɔn Fam De, Ade Nyinaa Betumi Ayɛ”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Onyankopɔn Fam De, Ade Nyinaa Betumi Ayɛ”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anisɔ Ma Yehowa Mmoa a Enni Huammɔ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Fi Adwenemhaw Mu Kɔ Anigye Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Ka Kyerɛ Wɔn Sɛ Wodɔ Wɔn
    Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
  • “Yehowa, Woahwehwɛ Me Ahu Me!”
    Nyan!—2005
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 6/1 kr. 8

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

“Onyankopɔn Fam De, Ade Nyinaa Betumi Ayɛ”

NSƐM a ɛwɔ atifi hɔ, a ɛwɔ Mateo 19:26 no, baa mu maa ababaa bi a ofi Venezuela. Bere a osuaa sɛnea ɔde ne ho bɛto Yehowa so koraa akyi no, otumi dii aniberesɛm bi so. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ:

“Na me nanabea yɛ ɔyamyefo a na ɔwɔ ɔdɔ ankasa. Awerɛhosɛm ne sɛ, bere a midii mfe 16 pɛ na owui. Ne wu no haw me yiye. M’adwene tu frae, na na mempɛ sɛ mifi fie kɔ mfikyiri mpo. Anka mereyɛ ayɛ ankonam koraa.

“Mankɔ sukuu, na manyɛ adwuma nso. Mehyɛɛ me dan mu nkutoo. Bere a mayɛ ankonam na minni nnamfo no, minyaa adwenemhaw bi a emu yɛ den. Metee nka sɛ me so nni mfaso biara, na mepɛe sɛ miwu na biribiara to twa. Mekaa no me tirim bere nyinaa sɛ, ‘Dɛn nti na mete wiase?’

“Na me maame taa gye Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma fi Ɔdansefo kumaa bi a wɔfrɛ no Gisela hɔ. Da bi me maame huu Gisela sɛ ɔretwam wɔ yɛn aboboano na obisaa no sɛ obetumi aboa me anaa. Gisela gye toom kae sɛ ɔbɛhwɛ, nanso mampɛ sɛ mehu n’anim. Eyi ammu Gisela abam. Ɔkyerɛw me krataa kae sɛ ɔpɛ sɛ ɔfa me adamfo na obi a ɔkorɔn sen no pɛ sɛ mebɛyɛ ɔno nso adamfo. Ɔkae sɛ, onii no ne, Yehowa Nyankopɔn.

“Eyi kaa me koma, na memaa ne krataa no ho mmuae. Yedii nkrataa-kyerɛw asram abiɛsa. Nanso, Gisela twee me kyɛe ansa na minyaa akokoduru sɛ me ne no behyia. Da a edi kan a yehyiae no, Gisela de Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase so nhoma no na ɛne me suaa Bible no. Yewiee adesua no, ɔtoo nsa frɛɛ me kɔɔ ɛhɔnom Ahenni Asa so. Me ho dwiriw me. Na mahyɛ fie mfe anan a na mimpuei, na na misuro sɛ mɛnantew abɔnten so.

“Gisela nyaa me ho abotare. Ɔhyɛɛ me nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ misuro biribiara na ɔne me bɛbɔ anan akɔ asafo nhyiam no. Awiei koraa no, mepenee so. Bere a yeduu Ahenni Asa so no, me ho fii ase popoe na fifiri tee me. Mantumi ankyia obiara. Nanso, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛkɔ so akɔ nhyiam ahorow no, na dapɛn biara na Gisela nso bɔ mmɔden bɛfrɛ me.

“Nea ɛbɛboa na matumi adi ehu a ɛwɔ me mu so no, na Gisela ne me kɔ asafo nhyiam ntɛm. Ná yegyina ɔpon no ano kyiakyia obiara bere a wɔba no. Wɔ saa kwan yi so no, me ne nipa biako anaa baanu pɛ na ɛkasae sen sɛ anka me ne kuw no nyinaa bɛkasa prɛko. Bere a metee nka sɛ mintumi no, Gisela kaa Mateo 19:26 mu nsɛm kyerɛɛ me sɛ: ‘Nnipa fam de, eyi ntumi nyɛ, na Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ.’

“Ɛwom sɛ na ɛnyɛ mmerɛw de, nanso nkakrankakra no, mitumi ne nnipa a wɔdɔɔso hyiae wɔ ɔmansin nhyiam akɛse ase. Nkɔanim kɛse bɛn ara na manya sɛɛ yi! Wɔ September 1995 mu no, mifi akokoduru mu ka kyerɛɛ asafo mu mpanyimfo no sɛ mepɛ sɛ mede me ho hyɛ afie afie asɛnka adwuma no mu. Asram nsia akyi, wɔ April 1996 mu no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho nsɛnkyerɛnne.

“Bere a obi bisaa me nnansa yi nea ɛyɛe a minyaa akokoduru tumi yɛɛ eyi no, mibuae sɛ: ‘Ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛsɔ Yehowa ani no sõ sen ehu a ɛwɔ me mu no.’ Ɛmfa ho sɛ ɛtɔ mmere bi a meyɛ basaa no, manya anigye kɛse sɛ meresom sɛ daa kwampaefo. Sɛ mehwɛ m’akyi a, na ɛsɛ sɛ me ne Gisela yɛ adwene. Mprempren mewɔ Adamfo bi a odwen me ho na ‘ɔhyɛ me den.’”—Filipifo 4:13.

[Kratafa 8 mfonini ahorow]

“Ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛsɔ Yehowa ani no sõ sen ehu a ɛwɔ me mu no”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena