So Woresusuw Aware Ho?
Sɛ yɛde awaregu a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa no toto asasewosow ho a, yɛbɛka sɛ United States ne ne fibea. Wɔ nnansa yi mfe bi mu no, woguu aware ahorow bɛboro ɔpepem biako wɔ hɔ—sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, woguu abien simma koro biara. Nanso ebia wunim no yiye sɛ ɛnyɛ United States nkutoo ne ɔman a ɛwɔ aware ho nsɛnnennen.
SƐNEA nhwehwɛmu bi kyerɛ no, efi 1970 no, awaregu abu abɔ ho bɛboro abien wɔ Canada, England ne Wales, France, Greece, ne Netherlands.
Yɛwɔ nea yebegyina so agye adi koraa sɛ esiane ɔdɔ a awarefo no mu biara wɔ ma ne yɔnko, ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho bɛtra wɔn nkwa nna a aka nyinaa nti na wɔware. Nanso, nea ɛyɛ awerɛhow no, aware a anigye wom ho akwanhwɛ no taa yɛ daeso kɛkɛ—akwanhwɛ hunu. Na bere a nnipa pii ahu sɛnea ɛte ankasa no, wɔka sɛ wɔwaree ntɛm dodo anaasɛ wɔanware obi a ɔfata wɔn anaa n’abien nyinaa.
Dɛn nti na aware pii gu saa? Nhoma kyerɛwfo bi a ɔkyerɛw nantew a edi aware anim ho nhoma ka sɛ: “Ahosiesie pa a wɔnyɛ ne asɛm no ankasa.” Ɔde ka ho sɛ: “Sɛ meredi awarefo a wɔwɔ aware mu ahokyere mu nsɛm ho dwuma a, nkate abien na minya—ayamhyehye ne abufuw. Me yam hyehye me esiane sɛ wɔn nsa anka abusuabɔ a ɛfata a abotɔyam wom a wɔhwɛɛ kwan no nti. Me bo fuw esiane sɛ wonni asɛyɛde a emu yɛ duru no ho nimdeɛ nti.”
Nokwarem no, nnipa pii de wɔn ho hyɛ aware mu bere a wonni nea wɔbɛyɛ ma asi yiye ho adwene ahe biara anaasɛ wonni bi koraa. Nanso, eyi nyɛ nwonwa koraa. Ɔkyerɛkyerɛfo bi kae sɛ: “Yɛn mmofra baahe araa na wɔnkɔ kɔlege nkosua nkisi ne nketew nneyɛe ho ade, nanso wonsua nnipa baanu a wɔfrɛ wɔn okunu ne ɔyere nneyɛe ho ade?”
So woresusuw aware ho—sɛ́ ɛyɛ aware a wobɛware daakye anaasɛ aware a wowɔ mu dedaw? Sɛ ɛte saa a, ɛsɛ sɛ wuhu sɛ asetram abusuabɔ ankasa yɛ soronko koraa wɔ nea woyi kyerɛ wɔ sini ahorow mu, television so, ne nea wɔka ho asɛm wɔ ayɛsɛm nhoma mu no ho. Bere koro no ara no, yebetumi abu aware a nnipa baanu a wɔn ho akokwaw a wɔdɔ wɔn ho wɔn ho ware no ankasa sɛ nhyira a efi Onyankopɔn hɔ. (Mmebusɛm 18:22; 19:14) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wubetumi ahu no yiye sɛ woasiesie wo ho sɛ wubedi aware mu asɛyɛde ho dwuma? Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wususuw ho bere a worepaw ɔhokafo no? Sɛ woaware dedaw a, ɔkwan bɛn so na wubetumi anya anigye a ɛtra hɔ daa wɔ w’aware mu?