Yɛsrɛ Sɛ Bɛka Yɛn Ho Ma Yɛnyɛ Ade Titiriw Bi Memeneda, April 11, 1998
YEHOWA ADANSEFO de anigye to nsa frɛ wo sɛ wo ne wɔn mmɛkae Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, a ɔde no mae sɛ akyɛde no. Saa akyɛde yi buee daa nkwa hokwan maa adesamma.—Yohane 3:16.
Yɛbɛyɛ afe yi Yesu wu Nkaedi no bere a owia akɔtɔ wɔ Memeneda, April 11. Saa da no ne Nisan 14 wɔ Bible ɔsram kalenda so no hyia. Yɛsrɛ wo, bisa mo mpɔtam hɔ Yehowa Adansefo ma wɔnkyerɛ wo bere ne beae pɔtee a wɔbɛyɛ no.
So wunim nsɛm yi a esisii wɔ Yesu asase so nna a etwa to no?