Wɔnkasa Nanso Woyi Wɔn Bɔfo ayɛ
OWITƆE su yɛ fɛ. Nanso sɛ owia rekɔtɔ wɔ saa bepɔw a ɛwɔ Apennines Mmepɔw Mmepɔw mu wɔ Tuscany, Italy, yi akyi a, nokwasɛm ni, biribiara ne no nsɛ.
Sɛ wugyina akyirikyiri hwɛ a, ɛte sɛ nea owia no kɔtɔ bepɔw no mu na ɛnyɛ akyiri. Dɛn ntia? Efisɛ bepɔw no atifi atɔ mu te sɛ nea wɔatu mu. Nokwarem no, saa bepɔw yi abenya din, Monte Forato—Bepɔw a Wɔatu Mu. Esiane sɛ asase twa ne ho wɔ owia ho nti, tebea a ɛte sɛ nea owia no rekɔtɔ Monte Forato mu bere a obi hwɛ baabi a atɔ mu no, si mprenu pɛ afe biara.
Te sɛ adebɔ mu nneɛma foforo no, ɔsoro abɔde a nkwa nnim no yi wɔn Bɔfo ayɛ. Ɔkwan bɛn so? Sɛnea mfonini fɛfɛ bi yi mfoniniyɛfo a ɔyɛe ayɛ no ara pɛ. Sɛnea yɛbɛka no no, ɔsoro abɔde ahorow no ka Yehowa tumi, ne nyansa, ne ne kɛseyɛ kyerɛ. Sɛnea odwontofo no kaa ho asɛm no, “ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma.” (Dwom 19:1; 69:34) Esiane sɛ owia ne abɔde foforo a nkwa nnim no yi wɔn Bɔfo ayɛ nti, mpɛn ahe na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nea ɛkyɛn saa!—Dwom 148:1, 3, 12, 13.