Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 12/15 kr. 30
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahofama ne Nokwaredi Ho Nhwɛso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • ‘Momfa Nkyekyɛ Mo Ho Daa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Elisa Huu Ogya Teaseɛnam​—Wo Nso Ɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 12/15 kr. 30

So Wokae?

So w’ani asɔ Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi no akenkan? Ɛnde hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi a:

◻ Dɛn ne nhomasua atirimpɔw titiriw ma Kristoni abofra?

Nhomasua atirimpɔw titiriw ne sɛ ebesiesie abofra ma wayɛ Yehowa somfo pa. Na nhomasua a ɛho hia sen biara wɔ ɛno mu ne honhom fam nhomasua.—8/15, kratafa 21.

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka yɛn yɔnko Kristoni bi bɔne a anibere wom kyerɛ mpanyimfo no?

Ade biako nti a ɛsɛ sɛ yɛka nneyɛe bɔne ho asɛm kyerɛ ne sɛ ɛbɔ asafo no ho ban ma ɛho tew. Ade foforo nti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ne sɛ ɛyɛ adeyɛ a ɛkyerɛ Kristofo dɔ a ɛwɔ nnyinaso a woyi no adi kyerɛ Onyankopɔn, asafo no, ne ɔdebɔneyɛfo no.—8/15, nkratafa 28, 30.

◻ Dɛn na ‘Yehowa da a yɛbɛma atra yɛn adwene mu fann’ no kyerɛ? (2 Petro 3:12)

Eyi kyerɛ sɛ yɛrentu ‘Yehowa da no’ nhyɛ da wɔ yɛn adwene mu. Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ da a Yehowa bɛsɛe saa nneɛma nhyehyɛe yi abɛn. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ paara ma yɛn ma yehu no fann, te sɛ nea ɛwɔ yɛn anim pɛɛ. (Sefania 1:7, 14)—9/1, kratafa 19.

◻ Dɛn nti na nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nna a edi akyiri no akyɛ sen sɛnea nnipa pii hwɛɛ kwan no?

Yehowa susuw nea eye sen biara ma adesamma nyinaa ho. Nnipa nkwa na ehia no. (Hesekiel 33:11) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ awiei no bɛba wɔ bere a ɛfata sɛ yɛn Bɔfo a ɔdɔ yɛn na onim nyansa sen biara no atirimpɔw bam no mu.—9/1, kratafa 22.

◻ Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma no mu betumi akɔ so anya anigye ɛmfa ho ɔhaw ahorow a ebia wohyia no?

Ɛsɛ sɛ wosusuw nhyira pii a wɔwɔ no ho na wohu sɛ afoforo mpempem pii hyia ɔhaw a ɛsen saa. (1 Petro 5:6-9)—9/15, kratafa 24.

◻ Botae bɛn na William Tyndale de kyerɛɛ Bible no ase?

Ná Tyndale botae ne sɛ ɔbɛma mpapahwekwa anya Kyerɛwnsɛm no wɔ kasa a edi mũ na ɛba fam sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara mu.—9/15, kratafa 27.

◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn Asɛm ho adawurubɔfo anokwafo?

Yɛkyerɛ yɛn nokwaredi ma Onyankopɔn Asɛm no denam nsi a yɛde ka ho asɛm kyerɛ afoforo no so. Sɛ́ akyerɛkyerɛfo no, ɛsɛ sɛ yɛde Bible no di dwuma yiye, a yenkyinkyim nea ɛka anaa yɛntrɛw mu mma ɛne yɛn nsusuwii nhyia da. (2 Timoteo 2:15)—10/1, kratafa 20.

◻ Ɔkwan bɛn so na wiase honhom a edi awu no betumi ama yɛn mudi mu kura ho aba asɛm?

Wiase honhom no betumi ama yɛn mudi mu kura ho aba asɛm bere a ɛmma yɛn ani nsɔ nea yɛwɔ, na ɛma yedwennwen de yɛn ankasa ahiade ne nea yɛpɛ di Onyankopɔn de anim no. (Fa toto Mateo 16:21-23 ho.)—10/1, kratafa 29.

◻ Sɛ́ yebefi ɔkra nyinaa mu asom Yehowa no kyerɛ dɛn?

“Ɔkra” no gyina hɔ ma onipa mũ no nyinaa, a nea ne nipadua ne n’adwene tumi yɛ ka ho. Ɔkra nyinaa mu a yebefi asom Yehowa no kyerɛ yɛn ho a yebetu asi hɔ, de yɛn tumi nyinaa ne yɛn ahoɔden adi dwuma wɔ Onyankopɔn som mu sɛnea yebetumi biara. (Marko 12:29, 30)—10/15, kratafa 13.

◻ Dɛn na ɛboa ma obi nya nnyinasosɛm pa?

Nea ɛboa paa ne sɛ obi behu Yehowa, nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ, ɛne n’atirimpɔw ahorow. Sɛ nnyinasosɛm a ɛfa Onyankopɔn ho yi kyerɛ yɛn asetra kwan a, ɛbɛdan nnyinasosɛm ahorow a yɛde tra ase sɛnea yɛbɛka no no. (Yeremia 22:16; Hebrifo 4:12)—10/15, kratafa 29.

◻ Su a ɛkari pɛ bɛn na Yehowa asomfo wɔ wɔ nnipa nniso ho?

Wonnyina ɔfã biara wɔ amammuisɛm mu, efisɛ wɔsom sɛ Onyankopɔn Ahenni ahemmɔfo anaa ananmusifo. (2 Korintofo 5:20) Nanso wofi ahonim mu brɛ wɔn ho ase ma wɔn a wodi tumi no.—11/1, nkratafa 16, 17.

◻ Asuade bɛn na yebetumi anya afi sɛnea odiyifo Elisa yɛɛ n’ade no mu?

Bere a wɔtoo nsa frɛɛ Elisa sɛ ɔne Elia nkɔyɛ ɔsom adwuma titiriw no, ntɛm ara na ogyaw n’afuw hɔ kɔsom Elia, ɛmfa ho sɛ na ne nnwuma no bi bɛyɛ nea ɛba fam no. (2 Ahene 3:11) Onyankopɔn asomfo no bi ada ahofama honhom a ɛte saa adi nnɛ denam wɔn asetrade a wɔagyaw hɔ akɔka asɛmpa no wɔ akyirikyiri nsase so no so.—11/1, nkratafa 30, 31.

◻ Afotu a ɛso wɔ mfaso bɛn na ɛwɔ Yakobo krataa no mu?

Ɛkyerɛ yɛn sɛnea yebegyina sɔhwɛ ahorow ano, etu yɛn fo wɔ animhwɛ ho, na ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ nnwuma pa. Yakobo hyɛ yɛn nkuran sɛ yenni tɛkrɛma no so, yɛnko ntia wiase nkɛntɛnso, na yɛnhwehwɛ asomdwoe. Ne nsɛm no boa yɛn ma yenya boasetɔ na yɛbɔ mpae nso.—11/15, kratafa 24.

◻ Dɛn nti na Yehowa ayɛ ‘krado sɛ ɔde bɔne befiri’? (Dwom 86:5)

Yehowa fi ne pɛ mu de bɔne firi efisɛ ne werɛ mfi sɛ yɛyɛ dɔte, a esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, yɛwɔ mmerɛwyɛ anaa sintɔ ahorow. (Dwom 103:12-14)—12/1, nkratafa 10, 11.

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛde afoforo bɔne befiri wɔn?

Sɛ yɛamfa amfiri afoforo bere a ɛfata sɛ yɛde kyɛ wɔn a, ebetumi asɛe yɛn ankasa ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ. (Mateo 6:14, 15)—12/1, kratafa 17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena