Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 12/15 kr. 32
  • Sika Asonkaa a Wɔde Hyehyɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sika Asonkaa a Wɔde Hyehyɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 12/15 kr. 32

Sika Asonkaa a Wɔde Hyehyɛ

EFI tete na wɔakyerɛ obu kɛse wɔ sika agude ho esiane bo a ɛsom ne fɛ a ɛyɛ nti. Bere a Yosef bɛyɛɛ man soafo panyin wɔ Misraim no, Farao maa no sika ntweaban. (Genesis 41:42) Wɔmaa Rebeka sika hwene mu kaa ne sika nkapo abien a ano si bɛyɛ (U.S.) $1,400 wɔ ɛnnɛ sika mu. (Genesis 24:22) Akyinnye biara nni ho sɛ wɔde anisɔ gyee akyɛde a ɛsom bo yi, na wɔde anigye hyɛe.

Bible ka sɛnkyerɛnne kwan so agude bi a ɛsom bo sen nea Yosef ne Rebeka hyɛe no koraa ho asɛm. Mmebusɛm 25:12 ka sɛ: “Sɛ sika asonkaa ne amapa ahyehyɛde te no, sɛ onimkafo nyansafo te wɔ asõ a ɛte asɛm so ne no.” Sɛ ɔfotufo bi gyina Onyankopɔn Asɛm so de afotu ma sen sɛ obegyina n’ankasa nsusuwii so a, na ɔde akyɛde a ɛsom bo rema ampa. Dɛn ntia? Efisɛ nokwarem no, afotu a ɛte saa no fi Yehowa ankasa nkyɛn. Bible kyerɛ yɛn sɛ: “Me ba, mpo [Yehowa, NW] nteɛso, na mma n’animka mmfono wo. Na nea [Yehowa, NW] dɔ no na ɔka n’anim, sɛ agya yɛ ne ba a ɔdɔ no.” (Mmebusɛm 3:11, 12) Sɛ nea wɔretu no fo no de ahobrɛase gye afotu no tom de di dwuma a, ɛte sɛ nea ɔde sika asonkaa rehyehyɛ ne ho. Ɛte sɛ nea Bible abebusɛm a efi honhom mu ka no pɛpɛɛpɛ no: “[Anigye, NW] ne onipa a ohu nyansa, ne onipa a onya ntease. Na emu adenya ye sen dwetɛ de, na ne mfaso sen sika amapa.”—Mmebusɛm 3:13, 14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena