Mmara Nsɛm Du No
ENGLAND sɔfo panyin a ɔwɔ Gloucester no hui sɛ bɛboro asɔfo a wɔwɔ ne mansin mu no fã na wontumi nka Mmara Nsɛm Du no, na wɔn mu ɔha biara mu 10 na wonnim baabi a ɛwɔ wɔ Bible mu mpo. Nanso na ɛno yɛ mfe 450 a atwam ni. So tebea no ayɛ yiye fi saa bere no? Dabida—saa na nhwehwɛmu bi a Sunday Times yɛe wɔ Anglikan asɔfo mu nnansa yi daa no adi.
Wɔ asɔfo 200 a wobisabisaa wɔn nsɛm mu no, ɔha biara mu 34 pɛ na wotumi kaa Mmara Nsɛm Du no nyinaa. Wɔ wɔn a aka mu no, obiako tee nka sɛ anohyeto pii wom dodo, na ɔfoforo nso kae sɛ ɛho nhia mma nnɛyi abrabɔ ho nsɛnnennen no.
So wunim Mmara Nsɛm Du no anaa baabi a wubehu no? Wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Exodus, Bible mu nhoma a ɛto so abien, no ti 20 no nkyekyem 17 a edi kan no. Dɛn nti na wonkenkan? Ɔkwantiaa a wubetumi afa so akeka abom ni. Anan a edi kan no fa Onyankopɔn a yɛbɛsom no ho, nea ɛto so anum no ka abusua asetra ho asɛm, asia kosi akron no fa yɛne yɛn mfɛfo ntam abusuabɔ ho, na nea ɛto so du no da nsow, na ɛma yɛyɛ yɛn koma ne yɛn nsusuwii mu nhwehwɛmu. Sɛnea Kristofo betumi de emu nnyinasosɛm adi dwuma ho nkyerɛkyerɛmu tiawa ni.
Nea Edi Kan: Fa ɔsom kronn ma yɛn Bɔfo no. Nea Ɛto so Abien: Mfa ahoni nni dwuma wɔ ɔsom mu. Abiɛsa: Bu Onyankopɔn din, na di no ni bere nyinaa. Anan: Nya bere susuw honhom fam nneɛma ho, a womma nneɛma foforo ntwetwe w’adwene. Anum: Mmofra, mummu mo awofo. Asia: Nni awu. Ason: Nsɛe aware. Awotwe: Mmɔ korɔn. Akron: Ka nokware. Edu: Kwati anibere.
Ná Mmara Nsɛm Du no yɛ mmara nhyehyɛe a wɔde maa Mose no fã. Nanso nnyinasosɛm a ɛwom no yɛ adwuma daa. (Romafo 6:14; Kolosefo 2:13, 14) Esiane eyi nti, Yesu akyidifo no faa Mmara Nsɛm Du no mu nsɛm kae twee adwene sii so nso. (Romafo 13:8-10) Sɛ obiara kyerɛ obu ma saa nnyinasosɛm yi a efi Nyankopɔn home mu yi na yɛde tra ase a, anka hwɛ anigye—ne ahobammɔ—a asetra bɛyɛ nnɛ!