Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Mmofra Yi Onyankopɔn Ayɛ Wɔ Democratic Republic of Congo
MFEHAHA pii a atwam no, odwontofo no de anigye too nsa frɛɛ mmofra sɛ wɔmmɛka ne ho mma wonyi mmeresanten Hene no ayɛ: ‘Mmerante ne mmabaa nso, mpanyin ne mmofra nyi Yehowa din ayɛ, sɛ ne din nko na ɛsõ.’ (Dwom 148:12, 13) Osuahu a edidi so a efi Democratic Republic of Congo no si saa hokwan a ɛsen biara yi so dua.
• Ɔkwampaefo titiriw bi fiewura ani gyee Yehowa Adansefo abrabɔ ho. Enti ɔmaa Adansefo no kwan ma wɔne ne babea, Fifi, a wadi mfe anum no suaa Bible no. Bere a Fifi papa huu nkɔso a ne babea no anya wɔ Me Nhoma a Ɛka Bible mu Nsɛma no sua mu no, ɔmaa ɔkɔɔ nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so. Ɛhɔ no, abofra Fifi suaa Ahenni nnwom fii Adansefo no nnwom nhoma mu. Ná ɔpɛ dwom a ɛto so 4, a wɔato din “Onyankopɔn Paradise Ho Bɔhyɛ,” no yiye.
Da bi, Fifi papa yɛe sɛ ɔde no bɛkɔ n’asɔre. Nea ɛyɛɛ obiara nwonwa no, Fifi anto asɔre nnwom no. Dɛn ntia? Efisɛ ɔtee nka sɛ nnwom a wɔtoe wɔ ne papa asɔre mu no ne nea na wasua afi ne Bible adesua mu no nhyia. Ɔde akokoduru too Ahenni nnwom a ɔpɛ no mmom.
Bere a wɔbɔɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛsesa n’adwene na anyɛ yiye no, asɔre mpanyimfo no sii gyinae sɛ wobetwa Fifi a wadi mfe anum no din mu! Saa ayayade yi nyinaa akyi no, ne papa anka hwee. N’ani gyei sɛ Fifi kuraa ne gyidi mu pintinn. Fifi papa ne ne maame nyinaa pɛ sɛ ɔkɔ so ne Yehowa Adansefo bɔ.
• Bere a abarimaa bi a wadu mpanyin afe so a wɔfrɛ no Lukodi sii gyinae sɛ ɔne Yehowa Adansefo besua Bible no, ne papa sɔre tiae denneennen. Da bi, bere a na Lukodi reyɛ ahoboa akɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so no, ne papa de nkrante hunahunaa no. Bere foforo no, Lukodi papa de abaa bɔɔ no ma n’akyi paee kɛse. Ɛmfa ho ɔsɔretia a emu yɛ den no, Lukodi kuraa ne bo a na wasi sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako no mu pintinn. Onyaa nkɔso ma wɔbɔɔ no asu. Seesei ɔsom sɛ daa kwampaefo.
Lukodi pintinnyɛ no kaa ne nuabea kumaa, Sona, araa ma ɔno nso fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Nanso, nea ɛbɛyɛ na ɔnkɔ so nsua Bible no, wɔn papa de Sona kɔtoo sukuu bi mu wɔ akuraa foforo bi a Adansefo nni hɔ ase. Nanso, Sona de yɛɛ ne su sɛ ɔbɛka nneɛma a wasua no ho asɛm akyerɛ afoforo. Ne saa nti, ne maame nua ba nso ani begyee ho.
Bere a Adansefo a wɔwɔ akuraa bi a ɛbɛn hɔ ase tee Sona asɛnka adwuma ho asɛm no, wɔkɔsraa no ne no yɛɛ ofie Bible adesua a wɔyɛ no daa ho nhyehyɛe. Onyaa nkɔso, na ankyɛ na ɔbɛkaa ne nuabarima no ho sɛ Yehowa Dansefo a wahyira ne ho so agye asubɔ. Afei nso, ne maame nua ba no yɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu, na wɔyɛ nhoma mu adesua wɔ saa akuraa yi ase.
Hwɛ anigye ne abotɔyam a ɛyɛ sɛ mmofra de wɔn ho hyɛ Yehowa a woyi no ayɛ no mu!
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.