Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 11/15 kr. 3-4
  • So Wo Kɔn Dɔ Wiase a Atɛntrenee Te Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wo Kɔn Dɔ Wiase a Atɛntrenee Te Mu?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛ Nkurɔfo Ne Yɛn Anni No Yiye a, Dɛn Na Yɛbɛyɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Wubetumi Agyina Atɛnkyea Ano!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • So Wontumi Nyɛ Ntɛnkyea Ho Hwee?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 11/15 kr. 3-4

So Wo Kɔn Dɔ Wiase a Atɛntrenee Te Mu?

AKA kakra na po so hyɛn bi a wɔde dua ayɛ a frankaa abiɛsa sisi so a ɛwɔ abrannaa abien adu mpoano a ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Cape Cod, a ɛwɔ Massachusetts, U.S.A. no. Emu adwumayɛfo ne nnipa 101 a wɔtete mu no abrɛ esiane sɛ wɔadi nna 66 wɔ po so nti. Nyamesom mu ɔtaa ne sikasɛm mu ahokyere a wɔpɛ sɛ woguan nti, wɔatu kwan a emu yɛ den afa Atlantic Po no so.

Bere a nnipa a wɔtete hyɛn yi a wɔfrɛ no Mayflower mu no hu asase wɔ November 11, 1620 no, asetra foforo ho anidaso no ma wɔn ani gye. Esiane sɛ na wɔpɛ sɛ wɔto wiase bi a eye fapem nti, ɛhyɛn no mu mmarima a wɔanyinyin dodow no ara de wɔn nsa hyɛɛ Mayflower Apam no ase. Wɔpenee so sɛ wɔbɛhyɛ “mmara a ɛteɛ na nyiyim nnim” ama “nnipa a wɔwɔ atubra man no mu nyinaa yiyedi.” So wiase a emufo bɔ bra pa na nyiyim nnim—wiase a atɛntrenee te mu—a wɔde wɔn ani too so no aba mu?

Ɛwom sɛ wobu Apam a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase wɔ Mayflower hyɛn mu no sɛ Amerika amammui nhyehyɛe no fapem biako de, nanso atɛnkyea abu so wɔ Amerika, sɛnea ɛte wɔ wiase nyinaa no. Sɛ nhwɛso no, susuw ɔbarima bi a na ɔreguan bere a na wawia sotɔɔ wura bi nneɛma asan abɔ no tuo a polisifo too tuo bɔɔ n’akyi no ho. Ɔde polisifo ne New York kuropɔn no kɔɔ asɛnnibea kɔbɔɔ wɔn ka, na wotuaa dɔla ɔpepem pii maa no.

Susuw nhwɛso foforo ho. Bere a na mmaranim ho adesuafo bi reyɛ mmara adesua ho sɔhwɛ wɔ Pasadena, California no, wɔn mu biako twa hwee fam tɔɔ mum. Adesuafo baanu a na wɔte bɛn no no yɛɛ ntɛm huu mframa guu n’anom de wɔn nsa bobɔɔ ne bo kosii sɛ ayarehwɛfo bae. Wɔsɛee simma 40 wɔ ɔbarima no ho de boaa no. Nanso bere a wɔsrɛe sɛ wɔmma wɔn bere kakra na wɔmfa nwie wɔn sɔhwɛ no, mmaranimfo kuw mu panyin a ɔhwɛ wɔn so no ampene.

Nsɛmmɔnedi ho asotwe ho asɛm nso wɔ hɔ. Sikasɛm mu nhwehwɛmufo Ed Rubenstein, ka sɛ: “Wɔnkyere nkurɔfo wɔ nsɛmmɔnedi dodow no ara ho. Wonni wɔn a wɔkyere wɔn no mu dodow no ara asɛm. Wɔma wɔn a wɔakyere wɔn no mu pii hyɛ bɔ na wogyaa wɔn. Wɔ ɔsɛmmɔnedifo no fam no, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtwe n’aso.” Bere a ɔde korɔnbɔ ho akontaabu bi redi dwuma no, ɔde baa awiei sɛ obi a ɔbɛbɔ korɔn “betumi akwati afiasenna bɛboro ɔha mu nkyekyem 98.” Asotwe a ɛnyɛ hu ma nsɛmmɔnedi ne wɔn a wodi wɔn nsɛmmɔne dɔɔso.—Ɔsɛnkafo 8:11.

Wɔ nsase pii so no, nnipa kakraa bi a wɔyɛ adefo kɔ so nya wɔn ho bere a wosisi ahiafo pii no wɔ sikasɛm mu. Saa atɛnkyea yi kɔ so esiane sɛ honam ani hwɛbea, abusua a obi fi mu, ɔkasa, bɔbeasu, anaa ɔsom nti nkurɔfo nnya hokwan biara a wɔde bɛma wɔn tebea no ayɛ yiye anaasɛ mpo wɔde bɛhwɛ wɔn ankasa ho no. Sɛ nhwɛso no, sɛnea The New York Times kyerɛ no, “wɔwo nnipa a wɔn dodow reyɛ adu ɔpepem aduonu a wɔwɔ Asia Kesee fam a Hindufo na wɔdɔɔso wɔ hɔ no—wɔn mu pii wɔ India ne Nepal—sɛ nnipa a wɔba fam koraa kosi sɛ wobewuwu.” Nea afi mu aba ne sɛ, ohia, ɔkɔm, ne nyarewa ayɛ nnipa ɔpepem pii pasaa. Wobu atɛnkyea fi awo mu kosi owu mu.

Na nea ɛte sɛ ntɛnkyea a nnipa ntumi nyɛ ho hwee no nso ɛ? Susuw mmofra a wɔbɛwo wɔn no na wɔadi dɛm—anifurae, adwenemyare, anaa nipadua mu dɛm no ho hwɛ? Sɛ ɔbea bi wo ne ba na wabubu anaasɛ wawu, nanso mmea foforo a wɔbɛn no gye wɔn mma a wɔte apɔw agoru a, so ɔrente atɛnkyea nka?

Awerɛhosɛm ne sɛ, atɛnkyea abu so, na saa ara na nea efi mu ba nso te—amanehunu a ano yɛ den, asomdwoe, anigye, ne abotɔyam a enni hɔ. Atɛnkyea a wohu anaa wohyia a ahyɛ wɔn abufuw no ama nnipa pii adi nsɛmmɔne, na ɛno ama nnipa amanehunu adɔɔso. Wɔadi ako pii esiane atɛnkyea a wohu nti.

Dɛn nti na onipa ntumi mfaa wiase a atɛntrenee te mu mmae? So wiase a ɛte saa yɛ adaeso ara kwa?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Corbis-Bettmann

[Kratafa 4 mfonini]

Mayflower Apam no a wɔde wɔn nsa hyɛ ase

[Asɛm Fibea]

Corbis-Bettmann

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena