“Nsu a emu dɔ” a wɔsaw
BIBLE mu abebusɛm bi ka sɛ: “Ɔbarima komam agyinatu te sɛ nsu a emu dɔ, nanso nea ɔwɔ nhumu bɛsaw.” (Mmebusɛm 20:5) Wɔ Bible mmere mu no na ɛyɛ den sɛ wobenya nsu wɔ nsase pii so sen sɛnea ɛte nnɛ no. Bere a Yesu ne Samariani bea no kasae no, na ɔresaw nsu afi Yakob asubura a emu dɔ bɛyɛ mita 23 no mu!—Yohane 4:5-15.
Sɛnea Mmebusɛm 20:5 kyerɛ no, nhumu a ehia na ama wɔahu obi tirim asɛm ne sɛnea ɔte nka wɔ ne komam no te sɛ mmɔden a egye na ama obi atumi asaw nsu afi asubura mu no ara pɛ. Eyi yɛ nokware wɔ asetram nneɛma pii mu. Sɛ nhwɛso no, ɛda adi sɛ wunim obi a ɔde mfe pii anya nimdeɛ ne suahu. Sɛ ɛnyɛ nnipa a wɔte saa su sɛ wobefi wɔn pɛ mu de afotu ama a, ebia ɛho behia sɛ wokanyan wɔn na ama wɔayɛ saa. Ɛdenam wɔn ho anigye a wobɛkyerɛ, nsɛm a wubebisa, ne anifere a wode bɛyɛ nhwehwɛmu so no, ɛbɛyɛ te sɛ nea wode wo bokiti abɔ nyansa asubura a emu dɔ mu.
Mmebusɛm 20:5 afotu no yɛ nokware wɔ abusua mu nso. Mpɛn pii na yɛte sɛ ɔyerenom ka sɛ: “Me kunu nka n’asɛm nkyerɛ me!” Ebia okunu bi bɛka sɛ: “Me yere ne me nkasa!” Wɔ tebea horow a ɛtete saa mu no, nhumu ho hia na ama obi atumi ahu n’aware mu ɔhokafo komam nsusuwii. Mpɛn pii no, nsɛm a wɔde anifere bisa (Wo ho kyeree wo nnɛ? Dɛn na esii? Dɛn na metumi ayɛ de aboa?) betumi ama moafi komam abɔ nkɔmmɔ. Nhumu a ɛte saa a wɔda no adi no bɛhyɛ aware mu nkitahodi mu den, na adi aboa okunu ne ɔyere nyinaa.