Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Onyaa ‘Ahene a Ne Bo Yɛ Den’
“ƆSORO Ahenni no te sɛ oguadini bi a ɔhwehwɛ nhene pa; na ohuu ahene biako a ne bo yɛ den no, ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe.” Yesu de nsɛm yi kyerɛkyerɛɛ mfaso soronko a ɛwɔ Onyankopɔn Ahenni no so mu. (Mateo 13:45, 46) Mpɛn pii no, wɔn a wohu mfaso a ɛwɔ Ahenni no so no de wɔn nneɛma pii bɔ afɔre na ama wɔn nsa atumi aka. Osuahu a edi so a efi Pingtung Mantam mu wɔ Taiwan no kyerɛkyerɛ eyi mu.
Wɔ 1991 mu no, Owura ne Owurayere Lin fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Bere a ɛhɔnom sɔfo bi hui no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obenya wɔn ma wɔaba n’asɔre. Esiane sɛ na Lin abusua no adwuma a wɔyɛ ne sɛ wɔtɔn prako ne dabodabo mogya wɔ guaso nti, wosii gyinae sɛ wobebisa ɔsɔfo no adwene wɔ asɛm no ho. Obuae sɛ: “Onipa betumi adi biribiara a Onyankopɔn ayɛ.” Nanso Adansefo no hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonsusuw nea Onyankopɔn Asɛm ka no ho. Wobehui sɛ Yehowa Nyankopɔn bu mogya sɛ ade a ɛyɛ kronkron, efisɛ “ɔhonam kra wɔ mogya no mu.” (Leviticus 17:10, 11) Enti ɛsɛ sɛ nokware Kristofo ‘twe wɔn ho fi mogya ho.’ (Asomafo no Nnwuma 15:20) Esiane asɛm no mu nhwehwɛmu a Lin abusua no yɛe wɔ Kyerɛwnsɛm no mu nti, wosii gyinae sɛ wobegyae mogya tɔn, ɛwom sɛ ɛno na na ɛma wonya sika titiriw de. Nanso wɔ bere tiaa bi akyi no, wohyiaa sɔhwɛ bi a na ɛno nso mu yɛ den.
Ansa na wɔrebehu nokware no, na Lin abusua no adua betel nnua 1,300 wɔ wɔn asase so. Ɛwom sɛ na ebegye mfe anum ansa na nnua no asow de, nanso sɛ enya sow a, Lin abusua no betumi ahwɛ kwan sɛ wobenya $77,000 (U.S.) afe biara. Bere a otwa bere a edi kan bɛnee no, na ɛsɛ sɛ Lin abusua no si gyinae titiriw bi. Ná wɔnam wɔn Bible sua so abehu sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo hohoro wɔn ho fi “ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa mu” denam kwati a wɔbɛkwati, su horow te sɛ tawanom, nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, ne betel aba a wɔwe anaa ɛho nkuran a wɔrenhyɛ so. (2 Korintofo 7:1) Dɛn na na wɔbɛyɛ?
Bere a n’ahonim haw no no, Owura Lin sii gyinae sɛ obegyae adesua no. Bere koro no ara mu no, Owurayere Lin tɔn betel aba a onya fii wɔn nnua dedaw no bi so no, na onyaa mfaso bɛboro $3,000 (U.S.). Ná eyi yɛ nea sɛ wɔma kwan ma nnua no nyinyin a wobenya no ho mpopoe bi kɛkɛ. Nanso, Owura Lin ahonim kɔɔ so haw no.
Odwenee asɛm no ho araa kosii sɛ da koro, ɔka kyerɛɛ ɛhɔnom Adansefo no sɛ wontwitwa ne betel nnua no ngu mma no. Adansefo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛyɛ gyinae a ɛsɛ sɛ n’ankasa si; enti na ‘ɛsɛ sɛ ɔsoa n’ankasa adesoa’ na n’ankasa twitwa nnua no. (Galatifo 6:4, 5) Wɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnkae bɔhyɛ a ɛwɔ 1 Korintofo 10:13 a ɛka sɛ: “Ɔsɔhwɛ bi ntoo mo ɛ, gye nea ɛyɛ nnipa de; na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mutumi so, na mmom ɔbɛma ɔkwan a mode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi asoa.” Adansefo no nso ne no susuw nsɛm ho kae sɛ: “Sɛ yetwitwa wo nnua no gu ma wo a, ebia wubenu wo ho na wode adehwere no ho asodi ato yɛn so.” Bere tiaa bi akyi no, Owurayere Lin tee afiri a wɔde twa nnua sũ anɔpa bi. Ná ne kunu ne ne mma retwitwa betel nnua no agu!
Owura Lin behui sɛ Yehowa di nokware wɔ Ne bɔhyɛ ho. Onyaa adwuma a ɛma onyaa ahonim pa, na ɛma otumi bɛyɛɛ obi a oyi Yehowa ayɛ. Wɔbɔɔ no asu wɔ Yehowa Adansefo mansin nhyiam bi ase wɔ April 1996 mu.
Yiw, sɛ yɛbɛka a, Owura Lin “kɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa” na ɔkɔtɔɔ ‘ahene a ne bo yɛ den.’ Ɛnnɛ, ɔwɔ hokwan a ɛso nni a ɛne sɛ ɔne Yehowa Nyankopɔn anya abusuabɔ, na ɔredi N’ahenni nneɛma ho dwuma.