“Nokware Abohene”
“Nokware abohene.” Saa na krataa a obi kyerɛw kɔmaa Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Nigeria no ka nsɛmma nhoma titiriw abien bi ho asɛm. Aberante a ɔkyerɛwee no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ:
“Merekyerɛw mo de ada mo ase afi me komam wɔ mmɔden a mobɔ sɛ monam Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no so ma ɛkame ayɛ sɛ moka da biara da asetra mu nsɛm nyinaa ho asɛm no ho.
“Madi mfe 17. Afe a etwaam no, radio dwumadibea bi a ɛwɔ ha ma yɛkyerɛw nsɛm de sii akan wɔ asɛmti ‘Ɔdɔ Kyerɛ Pii Sen Nna mu Nkitahodi—AIDS Wɔ Hɔ Ampa’ no ho. Ná ɛsɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, nsɛm no mu biara boro nsɛmfua ahanan. Ná wɔbɛma nea ɔbɛkyerɛw asɛm a etu mpɔn sen biara no naira 1,000 [$12.50, U.S.] sɛ nkonim bo. Nokwarem no, wɔkae sɛ ɛnsɛ sɛ nkurɔfo kyerɛw sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nkonim bo no kɛkɛ, na mmom sɛ wobesua biribi afi mu. . . .
“Minyaa AIDS ho nsɛm wɔ nsɛmma nhoma abien no nyinaa mu. Ɛdefa ɔdɔ ho no, na ɛho nsɛm pii na ɛwom. Mede nsɛm a ɛwɔ August 8, 1978 Engiresi Nyan! mu no na edii dwuma.
“Mede m’asɛm no kɔe bɛyɛ asram abien akyi pɛ no, ɛho mmuae puei. Nea ɛyɛɛ me nwonwa ne sɛ me na midii kan wɔ Cross River ne Akwa Ibom mantam no mu!
“Nsɛm a mede dii dwuma no nyinaa fi nsɛmma nhoma horow no mu. Ɛyɛ anigye ankasa sɛ Yehowa de nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de ma yɛn wɔ wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma na asɛe yi mu. Sɛ nokware Kristofo no, yenim sɛ ɔdɔ kyerɛ pii koraa sen nna mu nkitahodi. Na nokwarem no, ɔbra pa a yɛbɛbɔ no bɔ yɛn ho ban fi nyarewa te sɛ AIDS ho.
“Mete nka sɛ ɛsɛ sɛ meda mo ase wɔ nokware abohene a mokɔ so yɛ a mommrɛ no ho. Yehowa nkɔ so nhyira mo mmɔdenbɔ so bere a mokɔ so yɛ nsɛmma nhoma horow a ɛsom bo yi.”