Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 5/1 kr. 32
  • Kɔndua a Wɔsoa no Mmerantebere Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔndua a Wɔsoa no Mmerantebere Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 5/1 kr. 32

Kɔndua a Wɔsoa no Mmerantebere Mu

WƆ SAA “mmere a emu yɛ den” yi mu no, mmofra hyia nhyɛso a emu yɛ den. (2 Timoteo 3:1) Da biara da wɔte nsɛm pii a ɛhyɛ ɔbrasɛe, sigaretnom, ne subammɔne foforo ho nkuran. Ebia wobedi wɔn a wodi Bible gyinapɛn ahorow akyi no ho fɛw esiane sɛ wonni nnipa dodow akyi nti, na ebia Kristofo binom bɛte nka sɛ sɛ wɔyɛ bi a wɔn ho bɛtɔ wɔn.

Ɛde rekɔ afeha a ɛto so ason A.Y.B. mu no, Yeremia kyerɛwee sɛ: “Eye ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔndua ne mmerantebere mu.” (Kwadwom 3:27) Dɛn na na ɔkyerɛ? Na ɔkyerɛ sɛ sua a obi besua sɛ obegyina sɔhwɛ ahorow ano bere a ɔyɛ abofra no boa no siesie no ma otumi gyina ɔhaw ahorow a ɛbɛto no bere a wanyin no ano. Ɛwom sɛ amanehunu nyɛ anigye de, nanso Kristofo mmofra ne mpanyin nyinaa ntumi nkwati. (2 Timoteo 3:12) Nanso nokwaredi so mfaso no boro bere tiaa mu ahotɔ biara a sɛ yegyae yɛn mudi mu a ɛde bɛba no so koraa.

Sɛ woyɛ abofra a, ko tia gyidi ho sɔhwɛ ahorow denneennen. Sɛ biribi retwetwe wo ma woayɛ adebɔne bi a, nnyaa wo ho mu. Ɛwom sɛ mprempren ebia ɛbɛyɛ den sɛ wubetumi ayɛ saa de, nanso ebewie ase no, worennya dadwen pii. Yesu hyɛɛ bɔ sɛ: “Momfa me kɔndua nto mo ho so, . . . na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.”—Mateo 11:29, 30.

Gyina ɔhaw a Bible mu nnyinasosɛm ahorow a wode bɔ wo bra no de ba no ano. Saa a wobɛyɛ no bɛma woanya asetra a ɛkyɛn so nnɛ ne daakye ho anidaso a edi mũ. Sɛnea Bible ka no, “wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena