‘Yehia Nokwaredifo’
NOKWAREDI ho yɛ nã wɔ nnɛ wiase yi mu. Nanso, ɛyɛ ahwehwɛde titiriw ma Kristofo. Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra ade nyinaa mu.” (Hebrifo 13:18, NW) Eyi ne ade a Wilma, Yehowa Adansefo no mu biako a ɔwɔ Faenza, Italy, pɛe sɛ ɔyɛ.
Il Resto del Carlino atesɛm krataa no ka sɛ bere a ohuu sika bɔtɔ bi a sika pii wom wɔ adetɔnbea bi a ɛwɔ ne kurom no abɔnten no, ɔde kɔmaa polisifo a “wantwentwɛn ne nan ase,” sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de ama ne wura.
Bere a kurow sohwɛfo no tee eyi ho asɛm no, ɔkyerɛw krataa ketewa bi kɔdaa Wilma ase ntɛm ara. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mifi komam gyina Kurow yi din mu da wo ase wɔ adepa a woayɛ no ho. Yɛn anuonyam kurow Faenza hia nnipa pa a wodi nokware.”
Sɛ́ yɛn nneyɛe pa yɛ nea wohu anaa wonhu no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ yebedi nokware. Sɛnea Kyerɛw Kronkron no tu yɛn fo no, “yɛrebɔ mmɔden ayɛ nea ɛteɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn anim nko, na nnipa anim nso.”—2 Korintofo 8:21, The Jerusalem Bible.