So Yɛbɛkwati Tebea Horow A Ɛte Sɛ Eyi Da Bi?
BAABIARA a yɛbɛhwɛ nnansa yi no, yɛte huhuhuhu, basabasayɛ, ne ɔko ho nsɛm. Nanso, nyɛ nsɛmma nhoma yi atirimpɔw ne sɛ ɛde nsɛmmɔne a wunim dedaw no ho nsɛm bi bɛka ho. Mmom no, anyɛ yiye koraa no, nsɛmma nhoma titiriw yi bɛka awerɛkyekyesɛm abien ho nsɛm akyerɛ wo. Nea edi kan, tete nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu kaa yɛn nna yi mu nsɛmmɔne a ɛyɛ ahodwiriw no ho nsɛm siei ankasa; nea ɛto so abien ne sɛ, nkɔmhyɛ nhoma koro yi ara ka da a tebea horow a wɔayɛ emu biako ho mfonini wɔ ha yi betwam no ho asɛm. Ɔko nni hɔ bio. Wɔrentotow atopae, atuo, atopae a wɔde hyehyɛ fam bio, na amumɔyɛsɛm remma bio. Nyisaa a wɔn werɛ ahow anaa aguanfo a wonni atrae nni hɔ bio. Wiase a nokware asomdwoe a ɛma akomatɔyam wom. So wobɛpɛ sɛ wubehu bere a ɛte saa no? Yɛhyɛ wo nkuran sɛ susuw nea Bible no ka ho. Wubenya awerɛkyekye pii wom sen nea woasusuw ho pɛn.