Asɛm Aba Mfe 403 Aware Bi Mu
WƆ Sweden no, Asɔre ne Ɔman anya abusuabɔ a emu yɛ den bɛboro mfe 400 ni. Seesei nyamesom ne aban aware no resɛe.
Wɔyɛɛ Luther som no Ɔman som wɔ 1593 mu, na na ɛsɛ sɛ Swedenfo nyinaa yɛ emufo a wɔabɔ wɔn asu. Akyiri yi, wɔ 1850 mfe no mu no, wɔyɛɛ nsakrae bi. Na ɛho nhia bio sɛ wɔbɔ Swedenfo asu; nanso, wɔkɔɔ so ara buu wɔn sɛ Luther Asɔre no mufo. Ne saa nti, na wɔhwehwɛ sɛ wɔde wɔn akatua a wotua ho tow no mu ɔha biara mu 1 boa asɔre no na wɔde tua nnwuma bi a asɔre yɛ ma ɔmanfo no ho ka. Wɔayɛ nsakrae foforo nnansa yi ara. Efi 1952 reba no, Swedenni betumi atwe ne ho afi asɔre no mu wɔ mmara kwan so ma enti ɔrentua asɔre no tow mu fã kɛse bio.
Nnansa yi, Luther Asɔre no akɔ so ahwere tumi a ɛwɔ wɔ Swedenfo so no. Ná eyi yɛ nea wontumi nkwati, efisɛ nnipa a wɔte Sweden no mu ɔha biara mu 10 yɛ atubrafo a wɔnyɛ Lutherfo, a Yudafo, Katolekfo, ne Nkramofo ka ho. Ne saa nti, wɔ 1996 mfiase no, na Swedenfo ɔha biara mu 86 pɛ na wɔn din wɔ Luther Asɔre no mu, na wɔn dodow kɔ so huan.
Anibiannaso a ɛrenya nkɔanim no rema Asɔre ne Ɔman ntam atetew. Wɔaka dedaw sɛ enhia sɛ ɔhene no yɛ Lutherni, na wommu mmofra a Lutherfo wo wɔn no sɛ wɔyɛ Luther Ɔman Asɔre no mufo wɔ ɔkwan biara so. Afei nso, sɛnea The Dallas Morning News kyerɛ no, ebedu afe 2000 no, na “ɛsɛ sɛ ɛhɔnom asɔre no ne ɔman no bu akontaa na wɔkyɛ agyapade pii no. Ɛsɛ sɛ asɔre no tew sika dɔla ɔpepepem 1.68 a ɛde di dwuma afe biara, a wonya emu fã kɛse no ara fi tow a wogyigye mu, no so.” Afeha yi awiei akyi no, asɔre no ankasa bɛpaw n’asɔfopɔn.
Bere a anibiannaso ne nnipa dodow a wɔn so retew rehaw Kristoman no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Sweden no kɔ so nya nkɔanim. Sɛnea 1997 Yearbook of Jehovah’s Witnesses bɔ amanneɛ no, Onyankopɔn Ahenni ho adawurubɔfo 24,487 na wɔwɔ saa asase no so, na aka kakra ma wɔn mu ɔha biara mu 10 na wɔreka asɛm sɛ bere nyinaa akwampaefo asomfo. Eyinom mu pii regye ɔsom adwuma no hokwan akɛse tom. Sɛ nhwɛso no, wɔ Yehowa Adansefo 1995 ɔmantam nhyiam ahorow ase no, awarefo 20 de wɔn akwammisa nkrataa a wɔde rekogye asɛmpatrɛwfo ntetee wɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu mae. Saa bere no, na Swedenfo bɛyɛ 75 na wɔawie wɔn adesua dedaw a wɔresom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ wiase afã horow. Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔn nhwɛso pa ne wɔn nkrataa a ɛhyɛ nkuran ne wɔn nsrahwɛ na akanyan wɔn a wɔresusuw hokwan kɛse yi ho seesei no.
Enti, bere a Kristoman mufo ɔpepem pii honhom abotow no, Yehowa Adansefo ‘de koma pa to ahurusi dwom.’—Yesaia 65:13, 14.
[Asase mfonini wɔ kratafa 30]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Sweden