Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 2/1 kr. 32
  • Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Greece Di Nkonim Bio

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Greece Di Nkonim Bio
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 2/1 kr. 32

Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Greece Di Nkonim Bio

WƆ October 6, 1995 no, Athens Atemmufo Asɛnnibea a nnipa baasa na wɔwɔ hɔ buaa asɛm bi a ɛfa Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo baanu bi ho. Sobo a wɔbɔɔ wɔn ne sɛ wɔresakra nkurɔfo akɔ wɔn som mu, na polisini bi na ɔde asɛm no kɔɔ asɛnnibea bere a Adansefo no kɔɔ ne fie no.

Nsɛm a otemmufo a odii asɛm no bisae no kyerɛe sɛ n’ani gye Yehowa Adansefo adwuma ho kɛse. Sɛ nhwɛso no, obisae sɛ: “Bere tenten bɛn na mode ayɛ saa adwuma yi? Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo ne mo adi wɔ mfe a atwam no mu? Su bɛn na wɔda no adi wɔ mo adwuma no ho? Dɛn na moka kyerɛ nkurɔfo wɔ wɔn apon ano?” Wɔn a na wɔwɔ asɛnnibea hɔ no nyinaa tiee adanse pa a wɔde mae no yiye.

Nea ɛyɛɛ Adansefo no nwonwa koraa ne sɛ, aban mmaranimfo no kasa maa wɔn. Ɔka de wiei sɛ: “Ɛnyɛ sɛ Yehowa Adansefo wɔ amanyɔ mmara mu hokwan sɛ wobegye wɔn Nyankopɔn adi na wɔasom no nko, na mmom, sɛ́ wɔbɛtrɛw wɔn gyidi mu wɔ apon apon ano, wɔ baguam, ne mmɔnten so nso, na mpo sɛ wɔpɛ a, wobetumi akyekyɛ wɔn nhoma ahorow a wɔnyɛ wɔn hwee.” Aban mmaranimfo no twee adwene sii gyinae bi a asɛnnibea ahorow ne Ɔman Bagua no si de buu wɔn bem no so. Ɔsan twee adwene sii Kokkinakis v. Greece asɛm no a Europa Asɛnnibea Ma Nnipa Hokwan no buu Yehowa Adansefo bem no so.a Aban mmaranimfo no bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Mesrɛ mo, monhyɛ no nsow sɛ wɔbɔɔ Greece ka mpo wɔ saa asɛm yi ho. Enti sɛ wɔde nsɛm a ɛte saa bɛto yɛn anim sɛ yenni a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye kɛse. Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ wɔde saa nsɛm yi ba asɛnnibea koraa.”

Bere a aban mmaranimfo no kasa wiei no, na ɛho nhia sɛ Adansefo no mmaranimfo no kasa pii. Nanso, ɔde hokwan no sii so dua sɛ mmara a ɛfa sakra a wɔsakra obi kɔ ɔsom foforo mu ho no yɛ nea enni amanyɔ mmara mu, na ɛresɛe Greece din wɔ wiase nyinaa.

Otemmufo a ɔredi asɛm no hwɛɛ atemmufo baanu a aka no kɛkɛ, na wɔde biakoyɛ gyaee onua barima ne onua bea no. Ná asɛnni a edii dɔnhwerew biako ne simma du no yɛ nkonimdi ma Yehowa din ne ne nkurɔfo nyinaa.

Wɔ Kokkinakis asɛm no a Europa Asɛnnibea Ma Nnipa Hokwan no buae akyi no, eyi ne mpɛn anan a wɔabu Adansefo no bem wɔ nsɛm a ɛfa sakra a wɔsakra obi kɔ ɔsom foforo mu ho. Yehowa Adansefo a wɔwɔ Greece di ahurusi seesei sɛ ɔhaw ahorow a ɛfa wɔn asɛnka ho no afi hɔ koraa ne sa, na wobetumi atoa adwuma no so a akwanside biara nnim.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ September 1, 1993, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 27-31.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena