Henanom na Wɔbɛyɛ Asɛmpakafo?
WƆ Wiase Asɔre Ahorow Bagua no nhyiam bi ase bɛyɛ mfe 40 a atwam no, wɔhyɛɛ nhyiamfo no nkuran sɛ “wonnya asɛmpaka honhom ntɛm ara,” na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn nguankuw no mma “wɔnkɔka asɛmpa no.” Mfe anum akyi no, Katolek sɔfo John A. O’Brien kyerɛw hia a ɛho hia sɛ yɛde asuafo foforo ba “denam kɔ a yɛbɛkɔ wɔn nkyɛn so” na ɛnyɛ sɛ “yɛbɛtratra yɛn afie mu kɛkɛ.” Na wɔ January 1994 mu no, Pope John Paul II kae sɛ “ɛnyɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛn ani wu Asɛmpa no ho ni, adu bere a ɛsɛ sɛ yɛka asɛm no wɔ adan atifi.”
Ɛda adi sɛ wɔasisi wɔn aso wɔ asɛmpakafo a wɔfrɛ wɔn bere ne bere mu no ho. Australia atesɛm krataa Illawarra Mercury mu asɛm bi kae sɛ: “South Coast Katolekfo akunini no ani nnye ho sɛ wobesuasua Yehowa Adansefo wɔ ɔkwan a wɔfa so som no mu.” Ɔbarima bi kae sɛ ne tiaatwa mu no, asɛmpaka “nka Katolekfo adwennwen ho.” Ɔfoforo nso kae sɛ: “Ɛyɛ papa ma Asɔre no sɛ ɛbɛma wɔate ne nka, nanso ɛnyɛ ɔpon mu bɔ so. Ebia ɛdenam sukuu ahorow so anaa nkrataakyerɛw bɛyɛ papa.” Ná asɔre panyin bi mpo nhu sɛnea ɔnkyerɛkyerɛ pope no asɛm no mu. Ɔkae sɛ: “Yɛbɛhyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔmfa Asɛmpa a wonim no mmɔ wɔn ankasa bra. Sɛ́ saayɛ bɛkyerɛ sɛ wɔbɛkɔ akɔbɔ nkurɔfo apon mu no yɛ asɛm foforo.” Asɛm no twa no tiawa sɛ: “Katolekfo rennye ka a Pope ka sɛ wɔnkɔka asɛm no so.”
Ɛmfa ho sɛ Kristoman adi nkogu wɔ asɛmpa no ka ho no, Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem anum redi Yesu ahyɛde a ese “monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo” no so. (Mateo 28:19, 20; fa toto Asomafo no Nnwuma 5:42 ho.) Seesei wɔyɛ wɔn apon ne apon ano asɛnka no wɔ nsase bɛboro 230 so. Asɛm a wɔka no yɛ asɛmpa, esi Bible bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye a ɛfa daakye ho no so dua. Dɛn nti na wo ne wɔn nkasa bere foforo a wɔbɛba wo nkyɛn no?