Awerɛkyekye Wɔ Mfirihyia Anan Akodi Mu
WƆ MFIRIHYIA anan akodi a ɛkɔɔ so wɔ kan Yugoslavia asase so no mu no, nnipa pii hyiaa ɔhaw ahorow, na ade hiaa wɔn kɛse. Ná Yehowa Adansefo ɔhaha pii, a wɔde nokwaredi kɔɔ so som “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no, ka wɔn ho.—2 Korintofo 1:3.
Wɔkaa nnipa a na wɔte Sarajevo no hyɛɛ mu ma ɛbɛyɛɛ ahokyere foforo maa wɔn wɔ ɔko no nyinaa mu. Ná anyinam ahoɔden, nsu, nnyina, ne aduan ho ayɛ den. Yehowa Adansefo Asafo a ɛwɔ Sarajevo no kɔɔ so dɛn wɔ tebea a emu yɛ den saa no mu? Kristofo a wofi nsase a ɛbemmɛn hɔ so de wɔn nkwa too asiane mu de ahiade pii bae. (Hwɛ November 1, 1994, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 23-7.) Afei nso anuanom a wɔwɔ Sarajevo no ne wɔn ho wɔn ho kyɛɛ nea wɔwɔ no, na wɔde wɔn adwene sii honhom fam adekyɛ so titiriw. Bere a na wɔaka kurow no ahyem no, Kristoni ɔhwɛfo bi a ofi hɔ de amanneɛbɔ a edi so yi mae:
“Yɛn asafo nhyiam horow no som bo ma yɛn yiye. Me ne me yere ne nnipa foforo 30, twa kilomita 15 [akwansin 9] kɔ asafo nhyiam san ba. Ɛtɔ mmere bi a na wɔde amanneɛbɔ ba sɛ wɔbɛkyɛ nsu bere a ɛne yɛn asafo nhyiam bere no hyia. Dɛn na anuanom bɛyɛ? Wɔbɛtra fie anaasɛ wɔbɛkɔ nhyiam no? Yɛn nuanom ani gye ho sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no mmom. Bere nyinaa anuanom boa wɔn ho wɔn ho; nea wɔwɔ biara, wɔne afoforo kyɛ. Onuawa bi wɔ yɛn asafo no mu a ɔte kurow no kurotia, faako a ɛbɛn kwae; enti otumi nya nnyina ntɛm kakra. Afei nso ɔyɛ adwuma wɔ baabi a wɔtõ paano, na wɔde esiam na etua no ka. Bere a ɛbɛyɛ yiye no, ɔtõ paano sebɔw kɛse biako de ba asafo nhyiam ase. Bere a yɛapɔn nhyiam a yɛrekɔ no, obubu bi ma obiara.
“Ɛho hia sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma anuanom mmarima anaa mmea no mu biara te nka sɛ wɔayi ne baako ama no. Obiara nnim yɛn mu nea odi hɔ a ɔbɛkɔ ahokyere tebea mu ma wahia mmoa. Bere bi a na nsukyenee atɔ akata akwan no so na onuawa bi yare no, anuanom mmerante a wɔn ho yɛ den de no traa akongua a ɛwɔ ntwahonan so piaa no kɔɔ asafo nhyiam.
“Yɛn nyinaa nya asɛnka adwuma no mu kyɛfa, na Yehowa ahyira yɛn mmɔdenbɔ so. Wahu ahohia tebea a yɛwom wɔ Bosnia no, nanso wahyira yɛn ma yɛanya nkɔanim—nkɔanim a ɔko no nnya mmae no yɛanhu.”
Saa ara na wɔ kan Yugoslavia mmeae foforo a akodi ayɛ hɔ pasaa no, Yehowa Adansefo anya nkɔanim, a ɔhaw a emu yɛ den mfa ho. Amanneɛbɔ a ɛfa Adansefo kuw bi ho a efi Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ Croatia hɔ bae ni: “Anuanom a wɔtete Velika Kladuša no hyiaa ahokyere tebea kɛse. Nkurɔfo tow hyɛɛ kurow no so mpɛn pii. Ná ɛsɛ sɛ anuanom kyerɛkyerɛ afã biara a wonni no mu kyerɛ Croatia, Serbia, ne Nkramofo asraafo ahorow no. Nokwarem no, wogyinaa nneɛma pii ano—afiasenna, ɔhwe, ɔkɔm, owu ho asiane. Nanso, wɔn nyinaa kɔɔ so dii nokware, na wɔanya hokwan a ɛda nsow sɛ Yehowa ahyira wɔn dwumadi ahorow so ma wɔahu.”
Ahokyere yi nyinaa akyi no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Velika Kladuša ne Bihać a ɛbɛn hɔ no kɔ so nya nkɔanim bere a wofi nsiyɛ mu ne afipamfo kyɛ Onyankopɔn awerɛkyekyesɛm no. Ahenni adawurubɔfo 26 a wɔwɔ saa mmeae abien yi yɛ ofie Bible adesua ahorow 39!