Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 9/15 kr. 25
  • Nsuyiri Ho Atetesɛm No Foa Bible Kyerɛwtohɔ So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsuyiri Ho Atetesɛm No Foa Bible Kyerɛwtohɔ So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 9/15 kr. 25

Nsuyiri Ho Atetesɛm No Foa Bible Kyerɛwtohɔ So

NOA bere so wiase nyinaa Nsuyiri no yɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm. Wohu amanneɛbɔ no afã bi wɔ wiase aman ahorow pii atetesɛm mu. Wɔ Afrika man Chad mu no, Moussaye abusua no kyerɛkyerɛ Nsuyiri no mu sɛnea edi so yi:

‘Bere bi, abusua bi traa akyirikyiri beae bi. Da bi, ɛna a ɔwɔ abusua yi mu no pɛe sɛ ɔnoa aduan bi a ɛyɛ dɛ ma n’adɔfo. Enti ɔfaa ne waduru ne wɔma sɛ ɔresiw atoko ayɛ no esiam. Saa bere no, na ɔsoro bɛn yɛn kɛse sen sɛnea ɛte seesei no. Nokwarem no, sɛ na woteɛ wo nsa a, ebetumi aka. Ɔde n’ahoɔden nyinaa siw atoko no, na ankyɛ na atoko a ɔresiw no danee esiam. Nanso bere a ɔbea no resiw atoko no, ɔmaa wɔma no so kɔɔ soro dodo a wansusuw ho, na etuu ɔsoro mu tokuru! Amonom hɔ ara nsu pii bi fii ase tɔ guu asase so. Ná eyi nyɛ nsu hunu bi kɛkɛ. Ɛtɔɔ nnanson awia ne anadwo kosii sɛ ɛkataa asase nyinaa so. Bere a na osu no retɔ no, ɔsoro fii ase kɔɔ soro nkakrankakra kosi sɛ eduu baabi a ɛwɔ mprempren no—ɛkɔɔ soro paa a yentumi nnu hɔ. Adesamma awerɛhosɛm bɛn ara ni! Efi saa bere no, yɛahwere hokwan a ɛne sɛ yɛde yɛn nsa bɛka soro no.’

Nea ɛyɛ anigye no, yebetumi ahu atetesɛm a ɛka wiase nyinaa nsuyiri ho asɛm wɔ wiase nyinaa. Nnipa a wodii kan kɔtraa Amerika ne Australia Aboriginefo no nyinaa wɔ ɛho anansesɛm. Ebia nsɛm no bɛsonsonoe de, nanso adwene a ɛne sɛ nsu yiri faa asase so ma nnipa kakraa bi na wonyaa wɔn ti didii mu wɔ adaka bi a nnipa yɛe mu na ɛwɔ nsɛm no mu dodow no ara mu. Saa asɛm yi a wɔka ho asɛm wɔ wiase nyinaa no foa nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wiase Nyinaa Nsuyiri bi bae, sɛnea wɔabɔ ho amanneɛ wɔ Bible mu, no so.—Genesis 7:11-20.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena