Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 8/15 kr. 21
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • ‘Momfa Nkyekyɛ Mo Ho Daa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • ‘Asɔrefie Ma Amanaman Nyinaa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Yehowa Honhom Fam Asɔrefie Kɛse No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 8/15 kr. 21

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde hwɛ sɛ ebia wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi a:

◻ So Yesu nsɛm, “Wɔn a mode wɔn bɔne firi wɔn no, wɔde afiri wɔn” no kyerɛ sɛ Kristofo betumi de bɔne afiri? (Yohane 20:23)

Kyerɛwsɛm biara nni hɔ a yebetumi agyina so aka sɛ Kristofo nyinaa, anaa mpanyimfo a wɔapaw wɔn wɔ asafo no mu mpo wɔ tumi a efi soro a ɛma wɔde bɔne firi. Ɛte sɛ nea Yesu nsɛm a ɛka ho no kyerɛ sɛ asomafo no de tumi soronko bi ama wɔn nam honhom no dwumadi so sɛ wɔmfa bɔne mfiri anaa wɔmma ɛntra hɔ. (Hwɛ Asomafo no Nnwuma 5:1-11; 2 Korintofo 12:12.)—4/15, kratafa 28.

◻ Dɛn na ɛda nsow wɔ J. J. Stewart Perowne Nnwom nhoma no nkyerɛase a wotintim nea edi kan wɔ 1864 mu no ho?

Wɔ Perowne nkyerɛase no mu no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obedi “Hebri asɛmfua no akyi pɛpɛɛpɛ, wɔ ɛho mmara ne sɛnea wɔapaapae nsɛm no mu no mu.” Wɔ saayɛ mu no, ɔpenee so sɛ wɔmfa Onyankopɔn din a ɛne “Yehowa” no nsan nsi hɔ.—4/15, kratafa 31.

◻ Akwankyerɛ bɛn na Yesu de maa n’asuafo wɔ sɛnea wɔne wiase nniso ahorow bedi nsɛm ho?

Yesu kae sɛ: “Momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn!” (Mateo 22:21) Ɔkae nso sɛ: “Obiara a ɔbɛhyɛ wo sɛ wo ne no nnantew kwansin biako no, wo ne no nkɔ abien.” (Mateo 5:41) Ɛha no na Yesu rekyerɛ sɛnea obi de nnyinasosɛm a ɛne sɛ obefi ne pɛ mu abrɛ ne ho ase ayɛ nea ɛfata a wɔhwehwɛ fi ne hɔ, bedi dwuma sɛ́ ɛyɛ ɔne nnipa ntam abusuabɔ mu anaa nea aban hwehwɛ a ɛne Onyankopɔn mmara hyia mu. (Luka 6:27-31; Yohane 17:14, 15)—5/1, kratafa 12.

◻ ‘Nokware no mu a obi bɛnantew’ no kyerɛ dɛn? (Dwom 86:11)

Nea ɛka eyi ho ne Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow a yebedi so na yɛasom no nokwaredi ne koma mu. (Dwom 25:4, 5; Yohane 4:23, 24)—5/15, kratafa 18.

◻ Dɛn na efii soma a Yehowa somaa Yona Niniwe no mu bae?

Ɛda adi sɛ Yona asɛnka wɔ Niniwe no maa nsonsonoe a ɛda Niniwefo a wɔsakraa wɔn adwene no ne Israelfo a wɔsen wɔn kɔn a na wonni gyidi koraa no ntam no daa adi. (Fa toto Deuteronomium 9:6, 13; Yona 3:4-10 ho.)—5/15, kratafa 28.

◻ Hena ne Ɔwɔ no na hena ne “Ɔbea no” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Genesis 3:15 no?

Ɔwɔ no nyɛ aboa ɔwɔ, na mmom onii a ɔde no dii dwuma, Satan Ɔbonsam. (Adiyisɛm 12:9) “Ɔbea no” nyɛ Hawa, na mmom Yehowa soro ahyehyɛde no, n’asomfo a wɔde honhom asra wɔn a wɔwɔ asase so no na. (Galatifo 4:26)—6/1, kratafa 9.

◻ Ɔkwan bɛn so na obi betumi afi Babilon Kɛse no mu na wahwehwɛ ahobammɔ? (Adiyisɛm 18:4)

Ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho fi atoro nyamesom ahyehyɛde ahorow ne afei nso wɔn amammerɛ ne su a wɔda no adi ho koraa, na afei ɔhwehwɛ ahobammɔ wɔ Yehowa teokrase ahyehyɛde no mu. (Efesofo 5:7-11)—6/1, kratafa 18.

◻ Dɛn nti na wɔtaa bɔ ɔkɔre din wɔ Kyerɛwnsɛm no mu?

Bible akyerɛwfo twee adwene sii ɔkɔre su horow so de yɛɛ nneɛma te sɛ nyansa, Onyankopɔn ahobammɔ, ne ahoɔhare ho sɛnkyerɛnne.—6/15, kratafa 8.

◻ So Onyankopɔn nnɛyi asomfo a wɔwɔ asase so anidaso no wɔ Onyankopɔn honhom no te sɛ nea Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no wɔ ara pɛ?

Asɛntitiriw no ne sɛ, mmuae no yɛ yiw. Akuw abien no nyinaa nya Onyankopɔn honhom no pɛ, na wɔn nyinaa nya nimdeɛ ne ntease pɛ, a ebetumi aka obiara tirim.—6/15, kratafa 31.

◻ Dɛn nti na mfaso wɔ so nnɛ sɛ yɛbɛhwehwɛ ɔsom kronn a Israel asɔfo de mae wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ no mu?

Ɛdenam saayɛ so no, yebetumi anya nsiesiei a mmɔborohunu wom a ɛnnɛ wɔnam so betumi apata nnipa abɔnefo ne Onyankopɔn abom no ho anisɔ kɛse. (Hebrifo 10:1-7)—7/1, kratafa 8.

◻ Ɔkwan bɛn so na asɔrefie a ɛto so abien a wosii wɔ Yerusalem no nyaa anuonyam a ɛsõ sen nea Salomo sii no?

Asɔrefie a ɛto so abien no traa hɔ kyɛ sen Salomo asɔrefie no mfe 164. Asomfo a wɔdɔɔso a wofi nsase pii so baa n’adiwo hɔ. Nea ɛho hia kɛse no, saa asɔrefie a ɛto so abien yi daa nsow kɛse sɛ nea Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, kyerɛkyerɛe wɔ n’adiwo hɔ no.—7/1, nkratafa 12, 13.

◻ Bere bɛn na Onyankopɔn daa ne honhom fam asɔrefie no adi?

Ná eyi yɛ afe 29 Y.B., bere a Onyankopɔn kyerɛe sɛ ɔpene Yesu asubɔ mpaebɔ so no. (Mateo 3:16, 17) Gye a Onyankopɔn gyee Yesu nipadua a ɔde bɔɔ afɔre no toom no kyerɛe sɛ na afɔremuka bi a ɛsõ sen nea na ɛwɔ Yerusalem asɔrefie hɔ no afi ase redi dwuma wɔ honhom fam.—7/1, nkratafa 14, 15.

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde bɔne firi?

Sɛ yɛbɛkɔ so akura Kristofo biakoyɛ mu a, ɛho hia sɛ yɛde obi a wafom yɛn a wapa kyɛw bɔne firi no. Nitan ne menasepɔw a yebenya no bɛsɛe yɛn asomdwoe. Sɛ yɛamfa bɔne amfiri a, anhwɛ a da bi Yehowa nso remfa yɛn bɔne mfiri yɛn bio. (Mateo 6:14, 15)—7/15, kratafa 18.

◻ Ná Israelfo bɛyɛ dɛn atumi ayɛ kronkron?

Ná wobetumi ayɛ kronkron denam abusuabɔ a emu yɛ den a wɔne Yehowa, Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no benya ne ɔsom kronn a wɔde bɛma no no so nkutoo. Ná wohia “ɔkronkronni” no ho nokware nimdeɛ na ama wɔatumi de kronnyɛ asom no, wɔ honam fam ne honhom fam ahotew mu. (Mmebusɛm 2:1-6; 9:10)—8/1, kratafa 11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena