Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 2/15 kr. 32
  • Asɛmpa a Ɛyɛ Nokware

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa a Ɛyɛ Nokware
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 2/15 kr. 32

Asɛmpa a Ɛyɛ Nokware

MATEO Asɛmpa no nsaano nkyerɛwee afã nketenkete abiɛsa, a wɔfrɛ no P64 no, akodi Magdalen Kɔlege a ɛwɔ Oxford, England, hɔ fi 1901. Mmere bi a atwam no, na abenfo gye di sɛ wɔkyerɛw no afeha a ɛto so abien no awiei Y.B. mu.

Nnansa yi ara, Carsten P. Thiede a ne ho akokwaw yiye wɔ mmɛw krataa ho adesua mu a ɔwɔ Paderborn, Germany, no yɛɛ nhwehwɛmu fefeefe wɔ P64 a ekura Mateo ti 26 no nkyekyem ahorow 10 mu. Dɛn na efii mu bae? Ɔrekyerɛw wɔ Zeitschrift für Papyrologie und Epigraphik (Mmɛw Krataa ne Tete Nkyerɛwde Sua Ho Nsɛmma Nhoma) mu no, Thiede kaa Oxford nsaano nkyerɛwee afã ahorow no ho asɛm sɛ “afeha a edi kan no Kristofo nsaano nkyerɛwee afã horow a ebia na ɛwɔ hɔ ansa na 70 Y.B. reba (ɛwom sɛ ebia na ɛnte saa de).”

Nea Thiede kae yi ma nsɛm ho amanneɛbɔfo ne nhomanimfo kaa ho nsɛm pii. Dɛn ntia? Efisɛ nea wogye tom mprempren sɛ ɛyɛ Nsɛmpa nkyerɛwee no afã a aka a akyɛ sen biara no ne P52, Yohane Asɛmpa nkyerɛwee no afã a wɔyɛɛ no bɛyɛ 125 Y.B. mu, anaa efi afeha a ɛto so abien reba no.

Sɛ́ ebia nnipa pii begye bere foforo a wɔde ama mmɛw krataa afã horow a ɛne P64 no atom anaasɛ wonnye ntom no yɛ nea yentumi nkyerɛ seesei. Sɛnea ɛte biara no, bere a edi anim a wɔde maa P64 no mma ɛnyɛ Asɛmpa no afã a akyɛ sen biara a ɛwɔ hɔ nko; ɛsan de adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ wɔkyerɛw Mateo Asɛmpa no wɔ afeha a edi kan no mu ampa ma, a ebetumi aba mpo sɛ wɔkyerɛwee ansa na 70 Y.B. reba, bere a na adansefo a wɔde wɔn ani huu Yesu asetra mu nsɛm a esisii no pii da so te ase a na wobetumi adi nokware a Asɛmpa no yɛ ho adanse no.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

President and Fellows of Magdalen College, Oxford, na wɔmaa ho kwan.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena