Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 1/15 kr. 30
  • Mmara Mu Nkonimdi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmara Mu Nkonimdi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 1/15 kr. 30

Mmara Mu Nkonimdi

WƆ April, 1995 mu no, yedii nkonim titiriw bi wɔ asennibea. Ne nyinaa fii ase wɔ January 28, 1992 mu, bere a wogyee Luz Nereida Acevedo Quiles, a wadi mfe 24, no too El Buen Pastor Ayaresabea wɔ Puerto Rico, sɛ wɔbɛyɛ no oprehyɛn no. Bere a wogyee no too hɔ no, ɔde n’ano kae na ɔkyerɛwee sɛ, sɛ Yehowa Adansefo mu biako no, ɔrennye mogya. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Ná ayaresabea hɔ adwumayɛfo, ne oduruyɛfo a ɔhwɛɛ no no nim n’apɛde no yiye.

Wɔyɛɛ Luz oprehyɛn akyi nnanu no, ɔhweree mogya pii na esiane mogya a etuu no nti, ne mogya so tewee kɛse. Oduruyɛfo a ɔrehwɛ no, Oduruyɛfo José Rodríguez Rodríguez, gye dii sɛ ɔkwan biako pɛ a ɔbɛfa so aboa no ne sɛ ɔbɛma no mogya. Enti, okogyee tumi fii asennibea sɛ ɔbɛma Luz mogya a onnim ho hwee anaa ɔmmaa no kwan.

Ɛwom sɛ na Luz hu nea ɛrekɔ so no nyinaa na n’ankasa tumi kasa maa ne ho de, nanso Oduruyɛfo Rodríguez Rodríguez hyɛe sɛ esiane sɛ tebea no gye ntɛmpɛ nti, onni bere a ɔde begye hokwan afi obiara hɔ. Ɔmantam no mu aban mmaranimfo panyin, Eduardo Pérez Soto, de ne nsa hyɛɛ krataa no ase, na ɔmantam no temmufo, Nea nidi sɛ no, Ángel Luis Rodríguez Ramos, de asennibea ahyɛde mae sɛ ɔmma no mogya.

Enti, wɔ January 31, 1992 mu no, wɔde Luz kɔɔ ɔdan a wɔyɛ mu oprehyɛn no mu, kɔmaa no mogya. Bere a wɔde mogya no rema no no, ɔtee sɛ ayaresabea hɔ adwumayɛfo no bi reserew. Afoforo nso yeyaw no, na wɔkae sɛ n’ankasa yiyedi nti na wɔreyɛ saa. Ɔde n’ahoɔden nyinaa koe—nanso ne nyinaa ankosi hwee. Ade sae no, na wɔde mogya ntoa anan ama Luz.

Luz asɛm no nyɛ nea edi kan anaa nea etwa to a ɛfa mogya a wɔde ma ne Yehowa Adansefo ho wɔ Puerto Rico. Anyɛ yiye koraa no, ansa na n’asɛm no resi no, na ahyɛde ahorow 15 na asennibea no de ama sɛ wɔmfa mogya mma Yehowa Adansefo a wɔanyinyin bere a wɔmpene so, na efi saa bere no, wɔde ahyɛde pii ama. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, wɔ tebea biako mu no, wodii ahyɛde a asennibea no de mae no so hyɛɛ ɔyarefo bi maa no mogya bere a wɔatɔ mum.

Nanso, Luz akodi no amma awiei wɔ oprehyɛn dan no mu. Wɔ October 1993 mu no, ɔsamanaa Puerto Rico Man no. Wodii asɛm no wɔ Asennibea Kɛse hɔ, na wɔ April 18, 1995 mu no, wobuu no bem. Asennibea no kae sɛ ahyɛde a wɔde mae sɛ wɔmma no mogya no “nni nnyinasosɛm wɔ amanyɔ mmara mu, na ɛmaa nea ɔde asɛm no baa asennibea no hweree hokwan a ɔwɔ sɛ obefi ne pɛ mu ada ne nyamesom adi, obedi ne kokoam nsɛm ho dwuma na wakyerɛ nea ne nipadua pɛ a wɔamfa mmara anni dwuma sɛnea wɔhwehwɛ.”

Ná saa atemmu yi ho hia, efisɛ na ɛno ne bere a edi kan a Puerto Rico asennibea bi abu Yehowa Adansefo bem wɔ asɛm bi a ɛfa mogya a wɔde ma ho. Atemmu no ma wɔkaa ho nsɛm pii. Wɔyɛɛ nsɛm ho amanneɛbɔ ho nhyiam, na atesɛm krataa, radio, ne television ho nsɛnkyerɛwfo bae.

Saa anadwo no ara, radio so dwumadi bi kaa nsɛm bi a wobisabisaa Luz mmaranimfo no mu biako ho asɛm. Wɔtoo nsa frɛɛ atiefo sɛ wɔmfrɛ wɔ telefon so na wommisa nsɛm. Nnuruyɛfo ne mmaranimfo pii frɛe na wɔkyerɛe sɛ wɔn ani gye sɛnea wobuaa asɛm no ho. Wɔn mu biako kae sɛ: “Nyansahu ntumi nkyerɛe sɛ mogya a wɔde ma kora nkwa so, na ɛyɛ nnaadaasɛm sɛ obi besusuw saa.” Ɔsan kae sɛ: “Ɛrenkyɛ, wobebu mogya a wɔde ma sɛ nnɛyi aduruyɛ mu mfomso akɛse paa no mu biako wɔ abakɔsɛm mu.”

Akyiri yi, mmara mu ɔbenfo bi a wobu no yiye ne Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea kasae wɔ telefon so na ɔdaa abotɔyam kɛse a wanya wɔ nea ɔfrɛɛ no “nkonimdi koraa” no ho adi. Ɔde kaa ho sɛ ɛnyɛ hokwan a Yehowa Adansefo wɔ wɔ amanyɔ mmara mu nkutoo na asennibea no atemmu no kyerɛe sɛ ɛbɔ ho ban, na mmom nnipa a wɔwɔ Puerto Rico nyinaa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena