Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 1/1 kr. 23
  • “Onyankopɔn Asɛm no Kɔɔ So”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Onyankopɔn Asɛm no Kɔɔ So”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Onyankopɔn Nhwɛ Onipa Anim”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nnwuma Pa a Ɛhyɛ Yehowa Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ɔdɔ Ka Mmusua Bom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Wɔasi Wɔn Bo sɛ Wɔbɛsom Yehowa!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 1/1 kr. 23

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

“Onyankopɔn Asɛm no Kɔɔ So”

WƆHYEHYƐƐ Kristofo asafo no bere tiaa bi no, emufo a na wɔyɛ bɛyɛ 120 no dɔe koduu bɛboro 3,000. (Asomafo no Nnwuma 1:15; 2:41) Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ “Onyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na asuafo no dɔe pii Yerusalem.” (Asomafo no Nnwuma 6:7) Mfe kakraa bi pɛ akyi no, asafo a na wɔahyehyɛ no foforo no bɛyɛɛ amanaman ntam ahyehyɛde a na Kristofo a wɔwɔ Afrika, Asia, ne Europa wom.

Kristofo asafo a ɛwɔ hɔ nnɛ no nso redɔ ntɛmntɛm saa ara. Sɛ nhwɛso no, wɔ Mexico no, wɔ mfe anum pɛ mu no, Ahenni adawurubɔfo dodow akɔ anim fi bɛboro 130,000 akodu 443,640! Wɔ 1995 mu no, Mexico nnipa 59 biara mu 1 kɔɔ Kristo wu Nkaedi ase sɛnea Yehowa Adansefo hyɛ ho fã no. Nanso, honhom mu twa adwuma no nnya mmaa awiei wɔ saa man no mu, sɛnea osuahu a edi so yi kyerɛ no.—Mateo 9:37, 38.

Wɔ kurow bi a ɛwɔ Chiapas mantam mu no, bɛyɛ mfe 20 a Yehowa Adansefo de kaa asɛmpa no wɔ saa beae no akyi mpo no, na obiara mpenee so mmaa wɔne no nyɛɛ ofie Bible adesua. Ɛda adi sɛ na kurow no mufo pii suro ɔbarima bi a wonim no sɛ ɔyɛ onuɔdenfo no. Wɔsuroo nea na ɔbɛyɛ, sɛ ɛba sɛ obehu sɛ wɔne Adansefo no resua Bible no a.

Adansefo akokodurufo baanu a wotu kɔtraa saa beae no sii gyinae sɛ wobedi asɛnnennen no ho dwuma denam saa ɔbarima a yɛreka ne ho asɛm no nkyɛn tee a wɔbɛkɔ so. Bere a woduu ne fie no, ne yere na ɔbaa ɔpon no ano, gyee wɔn tiee wɔn asɛm no yiye. N’ani gyee nea Bible ka fa paradise asase so asetra no ho titiriw. Nanso ogye toom sɛ sɛ osua Bible no a ne kunu bɛma nneɛma mu ayɛ den ama no yiye. Adansefo no kyerɛɛ mu sɛ sɛ wanhwehwɛ nea Bible ka no mu yiye a, ɔrentumi nsua sɛnea ɔbɛsom Onyankopɔn da na ama wanya asase so asetra mu anigye daa. Ɔpenee Bible adesua so.

Sɛnea wɔhwɛɛ kwan no, ne kunu ani annye ne gyinaesi no ho. Ɔbaraa no sɛ ɔmmfa ne kar nnkɔ Kristofo nhyiam horow ɛwom sɛ na ɔma no kwan ma ɔde di nneɛma foforo ho dwuma de. Ɛmfa ho ɔbarima no sɔretia no, ɔnantew kɔɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛbɛn no sen biara a na ɛyɛ kilomita 10 no so daa. Ankyɛ na afoforo a wɔwɔ kurow no mu no huu n’akokoduru ne ne bo a wasi no. Nkurɔfo fii ase tiei bere a Adansefo no kɔɔ wɔn afie mu no. Ebinom mpo fii ase ne ɔbea no kɔɔ asafo nhyiam horow no. Bere tiaa bi akyi no, ná Adansefo no reyɛ Bible adesua ahorow bɛyɛ 20 wɔ saa kurow no mu!

Saa ɔbea yi adamfo bi nso sii gyinae sɛ obesua Bible no ɛmfa ho sɛ ne kunu sɔre tia. Anwonwasɛm ne sɛ, ɔbea a odi kan no kunu na ɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnyɛ saa. Bere a ɔbarima no ne ne kunu no kasae no, ɔsɔretia no to twae. Enti awiei koraa no, mfe 20 akyi ansa na Bible mu nokware aba no fifii a nnipa bɛboro 15 resua Bible no na wɔkɔ Kristofo nhyiam horow, a mmea baanu yi a mprenpren wɔrebɔ asɛmpa no ho dawuru no, ka ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena