Mfa Abufuw Nhyɛ Wo Mu
EBETUMI ayɛ den sen biara sɛ yɛbɛkwati sɛ yɛde abufuw bɛhyɛ yɛn mu bere a obi fom yɛn no. Bible no wɔ afotu a ɛyɛ adwuma wɔ tebea a ɛte saa mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so.”—Efesofo 4:26.
Sɛ obi fom yɛn a, ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛbɛte abufuw nka. Ka a Paulo ka sɛ “mo bo mfuw” no kyerɛ sɛ ɛtɔ mmere bi a abufuw ye—te sɛ nea yenya wɔ ɔkwan a ɛmfata a obi ne yɛn di nsɛm anaa ntɛnkyea ho no. (Fa toto 2 Korintofo 11:29 ho.) Nanso sɛ wɔma ho kwan ma ɛtra hɔ a, abufuw a ntease wom mpo betumi akowie asiane kɛse mu, ma adan bɔne a anibere wom. (Genesis 34:1-31; 49:5-7; Dwom 106:32, 33) Enti dɛn na wubetumi ayɛ bere a biribi ahyɛ wo abufuw no?
Mpɛn pii no, wɔ mfomso nketenkete mu no, wubetumi asiesie asɛm no wɔ wo koma mu ‘na woayɛ komm’ anaasɛ woakɔ nea ɔfom wo no hɔ na moasusuw asɛm no ho. (Dwom 4:4; Mateo 5:23, 24) Emu biara no, ɛyɛ papa sɛ musiesie asɛm no ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a menasepɔw nkɔfa asiane bi mma.—Efesofo 4:31.
Yehowa de yɛn mfomso firi yɛn kwa, mpo bɔne a yɛyɛ nanso yennim sɛ yɛayɛ. So yɛn nso yentumi mfa yɛn yɔnko nipa mfomso ketewa bi nkyɛ no saa ara?—Kolosefo 3:13; 1 Petro 4:8.
Anigyesɛm ne sɛ, Hela asɛmfua ma “fa firi” no asekyerɛ ankasa ne sɛ “wogyaa biribi mu.” Sɛ́ wode befiri no nhwehwɛ sɛ wobɛbrɛ bɔne ase anaa wobɛboa. Ɛtɔ mmere bi a nea ɛbɛkyerɛ ara ne sɛ wugyaa mu ma ɛka bere a wuhu sɛ abufuw a wode bɛhyɛ wo mu no bɛma w’adesoa mu ayɛ duru na asɛe Kristofo asafo no biakoyɛ no. Bio nso abufuw a wode bɛhyɛ wo mu betumi ahaw w’akwahosan!—Dwom 103:9.