Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 11/15 kr. 31
  • ‘Ntwe Kɔndua a Ɛnsɛ’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Ntwe Kɔndua a Ɛnsɛ’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 11/15 kr. 31

‘Ntwe Kɔndua a Ɛnsɛ’

ANANTWI abien a wɔatwa wɔn mfonini wɔ ha yi no wɔ ahoɔden yiye, na ɛma wotumi twe nneɛma a emu yɛ duru a wɔmmrɛ. Nanso, fa no sɛ wɔde afurum abesi anantwi yi biako ananmu. Esiane sɛ afurum sua na ne ho nyɛ den te sɛ nantwi nti, akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛtew atua denam bɔ a ɔbɛbɔ dua a wɔde asɔ ne mu wɔ kɔndua a ɛnsɛ mu no akyene so. Ɛnde ntease wom sɛ Onyankopɔn mmara a ɔde maa Israel no kae sɛ: “Mfa nantwi ne afurum mmɔ mu mfɛtɛw.”—Deuteronomium 22:10.

Ɔsomafo Paulo kyerɛw biribi a ɛte saa ara faa nnipa ho. Ɔkae sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua a ɛnsɛ.” (2 Korintofo 6:14, NW) Ɛsɛ sɛ eyi tra yɛn adwene mu titiriw bere a yɛrepaw aware mu ɔhokafo no. Aware yɛ ayɔnkofa a ɛtra hɔ daa efisɛ Yesu Kristo kae sɛ: “Nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa bi nntetew mu!” (Mateo 19:6) Ɔhaw pii na ɛba bere a awarefo nkura gyidi, nnyinasosɛm, ne botae koro mu no. Enti, ɛyɛ nea ntease wom ankasa sɛ yebedi Bible afotu a ese “Awurade mu nko” na yɛnware no akyi. (1 Korintofo 7:39) Obi a wo ne no nkura nyamesom gyidi biako mu a wobɛware no no de ɔhaw kɛse a ɛsen nea nantwi ne afurum a wɔde wɔn bom ma wɔtwe kɔndua de ba no ba.

Nyamesom gyidi a enhyia yɛ ade biako pɛ a ebetumi ama nnipa baanu atwe kɔndua a ɛnsɛ. Sɛ ebinom pɛ sɛ wɔware a—sɛ wokura gyidi biako mpo a—ɛbɛyɛ papa sɛ wobebisa sɛ, ‘So yekura botae koro? Ɛhefa na yɛbɛtra? Hena na ɔbɛhwɛ yɛn sikasɛm so? Yɛn baanu nyinaa bɛyɛ adwuma? Mma nso ɛ? Ayamye ne afoforo ho a wosusuw na ɛbɛkyerɛ yɛn aware no kwan?’

Ɔkwan a wɔfa so susuw nsɛmpɔw a ɛte saa ho no betumi akyerɛ sɛ kɔndua no bɛyɛ nea ɛsɛ anaa nea ɛnsɛ akodu baabi. Ampa, nnipa baanu biara nsusuwii ntumi nyɛ pɛ nkosi ase. Nanso ne nyinaa mu no, sɛ nnipa baanu a wɔreyɛ nhyehyɛe aware no tumi gyina wɔn haw horow ano bom siesie na sɛ wotumi di nkitaho yiye a, ɛremma wɔntwe kɔndua a ɛnsɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena