Mmea A Wɔwɔ Wiase Nyinaa
BERE a nnipa baanu a wodi kan tew atua tiaa Onyankopɔn no, Yehowa kaa ɔhaw a ɛbɛba wɔne wɔn asefo so ho asɛm siei. Yehowa ka kyerɛɛ Hawa sɛ: “W’ani begyina wo kunu, na ɔno na obedi wo so.” (Genesis 3:16) Bible no hyɛ nkuran mpɛn pii sɛ yemmu mmea, na mmea ɔpepem pii nya asetra a ɛyɛ anigye ne abotɔyam kɛse, efisɛ wɔne wɔn mmusua de Bible nnyinasosɛm ahorow di dwuma.
Nanso, sɛnea nnansa yi amanneɛbɔ bi a ɛfa hokwan a nnipa wɔ ho kyerɛ no, wɔ wiase nyinaa no, wɔbrɛ mmea afoforo pii ase, sisi wɔn, na wogu wɔn anim ase. Bere a International Herald Tribune reka amanneɛbɔ no ho asɛm no, ɛka sɛ: “Wɔ nkyerɛkyerɛmu bi a wɔtɔɔ wɔn bo ase de mae mu no, amanneɛbɔ bi a ɛfa aman 193 ho no . . . ka awerɛhosɛm a ɛkyerɛ sɛ wobu wɔn ani gu mmea so ne sɛ wɔyɛ wɔn ayayade da biara.”
Nhwɛso kakra bi ni: Wɔ Afrika mfinimfini fam no, ɛsɛ sɛ mmeawa yɛ afumdwuma a ɛyɛ den no mu fã kɛse, na mmeawa a wɔkɔ sukuu no bɛyɛ mmarimmaa a wɔkɔ sukuu no nkyem abiɛsa mu biako. Wɔ ɔman biako mu no, mmara mma kwan sɛ mmea befi wɔn kununom akyi akɔ mmarima foforo ho, nanso ɛma mmarima kwan ma wɔkɔ mmea afoforo ho. Afrika ɔman foforo mu mmara ma ɔbarima a okum ne yere bere a ɔkyere no sɛ wafi n’akyi akɔ ɔbarima foforo ho no fa ne ho di, nanso ɛmma ɔbea a okum ne kunu wɔ tebea a ɛte saa ara mu no mfa ne ho nni.
Amanneɛbɔ no ka sɛ, wɔ Amerika Kesee Fam mmeae bi no, polisifo nhu mmea a wɔhwe wɔn no mmɔbɔ. Na mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ mmea a wɔyɛ adwuma no gye akatua a esua sen mmarima de ɔha biara mu 30 kosi 40.
Wɔ Asia mmeae bi no, wɔhyɛ mmea twa wɔn awo yi wɔn nyinsɛn gu. Wɔ ɔman biako mu no, atuutuufo bɛyɛ 500,000 na wɔwɔ hɔ, na wɔn mu pii na awofo a wɔrehwehwɛ sika de atɔ afie foforo no atɔn wɔn ma wɔyɛ adwuma yi. Wɔ ɔman foforo mu no, ɛsɛ sɛ polisifo di “aware ti ade ho wu”—ɔbea bi kunu anaa ne kunu abusua kum no esiane sɛ ne ti ade annu nea wɔhwɛɛ kwan nti—a atrɛw ho dwuma.
Ɛdefa Yesu Kristo ho no, Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim.” (Dwom 72:12-14) Enti yɛwɔ ntease a enti ɛsɛ sɛ yenya anidaso; mmea a wɔwɔ wiase nyinaa betumi ahwɛ tebea pa a ɛbɛtra hɔ saa bere no kwan.