Sika a Onyankopɔn Din Wɔ So
HWƐ dwetɛ sika a ɛwɔ ha no yiye. Germanfo hene Wilhelm V na otwae wɔ n’ahenni mu fi 1627 kosi 1637 mu. Saa bere no, na Europa mfinimfini famfo de wɔn ho ahyɛ Katolekfo ne Protestanfo Mfe Aduasa Ko no mu. Wilhelm V kɔɔ Protestant asraafo no afã. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi atua akodi no ho ka a wɔbɔe no, ɔfaa ne dwetɛ nyinaa de twaa sika.
Anigyesɛm ne sɛ mfonini ahorow a ɛwɔ sika no so no kyerɛ owia a atwa Onyankopɔn din, Yehowa, a wɔde Hebri Tetragrammaton na akyerɛw ho hyia. Abedua, a egyina hɔ ma ahoɔden nso wɔ so. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛwom sɛ mframa tumi koa dua no de, nanso esiane Onyankopɔn ahobammɔ nti, emmu. Edin Yehowa wɔ Latin nsɛm a wɔakyerɛw agu sika no so mu, na ɛkyerɛ n’ahobammɔ mu ahotoso a wɔwɔ.
Sɛ anka Onyankopɔn din a wɔde dii dwuma saa no bɛma wɔanya Onyankopɔn ahobammɔ no, ankosi hwee, efisɛ Yehowa nnyina obiara afã wɔ adesamma akodi mu. Nokwarem no, Onyankopɔn ntumi mpene Mfe Aduasa Ko no so. Funk & Wagnalls New Encyclopedia ka sɛ: “Sɛnea akontaabu bi a ɛnkɔ akyiri kyerɛ no, bɛyɛ Germanfo fã na wokunkum wɔn ɔko no mu. Wɔsɛee Germanfo nkurow akɛse ne nketewa, nkuraa, ne mfuw a wonnim ano pasaa. Mfiridwuma, kuayɛ, ne aguadi ho nneɛma bɛyɛ nkyem abiɛsa mu abien na wɔsɛee no wɔ Germany.”
Edin Yehowa a wɔkyerɛw guu sika so no kae yɛn mmara nsɛm a wɔde maa Israel no: “Mmɔ [Yehowa], wo Nyankopɔn din kwa.” (Exodus 20:7) Nanso, saa sika yi di adanse sɛ nnipa a wɔwɔ Germany no fi bere tenten nim Onyankopɔn din, Yehowa no. Wunim Onyankopɔn a okura saa din no yiye dɛn?