Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Mmofra Ka Asɛmpa no wɔ Afrika
YESU wusɔre akyi pɛɛ no, na Afrikani barima bi rekɔ Yerusalem. Bible no mmɔ ne din. Wonim no kɛkɛ sɛ ɔyɛ ‘ɔbarima bi a ɔyɛ Etiopiafo hemmaa Kandake piani tumfo a ɔhwɛ ne sika nyinaa so.’ Dɛn nti na wɔka ne ho asɛm wɔ Bible mu? Efisɛ ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Kristoni ɔsɛmpakafo Filipo sɛ ɔnkɔka “Yesu ho asɛmpa no” nkyerɛ no. Saa Etiopiani barima yi ne Afrikani a odi kan a kyerɛwtohɔ ka ne ho asɛm sɛ ɔbɛyɛɛ Kristofo asafo no muni.—Asomafo no Nnwuma 8:26-39.
Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo ɔpehaha pii na wɔwɔ Afrika. Wɔde hokwan biara a wonya no ka Yesu ho asɛmpa no kyerɛ afoforo. Osuahu a edi so yi kyerɛ sɛ mmofra a wɔwɔ Afrika mpo nya eyi mu kyɛfa.
◻ Ná Sandy ne Priya, mmeawa baanu bi a na obiara adi mfe 11 a wɔwɔ Nairobi, Kenya no te bɛn. Ná wodi agoru bom, na na wɔde ayɛsɛm nhoma ahorow mema wɔn ho. Priya awofo fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Afei, Priya nyaa nhoma foforo a na obetumi de aka nea ɔwɔ no ho, a emu biako a ɛbɛyɛɛ nea ɔpɛ titiriw, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a Yebetie No, a Ɔwɛn Aban Asafo no yɛe no ka ho. Ɔkaa Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse nhoma no mu asɛm kyerɛɛ n’adamfo Sandy, na mmeawa baanu no fii ase suaa nhoma no bere nyinaa.
Nanso, na Sandy maame, Una, a ɔkɔ Anglikan Asɔre no mpɛ sɛ ne ba no bɛkenkan nhoma ahorow a efi Yehowa Adansefo hɔ. Ɛmfa ho sɛ na ne maame sɔre tia no, adesua no kɔɔ so. Da bi, Sandy srɛɛ ne maame sɛ ɔmma ontie wɔn asɛm pɛnkoro pɛ. Ná ti a mmeawa no kenkanee saa da no kura asɛmti “Mmarima Baanu a Wodii Awoda.” Una tiei, na n’ani gyee ho yiye. Ɔkɔɔ Priya maame nkyɛn ntɛm ara na obisabisaa no Bible mu nsɛm pii.
Priya maame yɛɛ nhyehyɛe ma Ɔdansefo bi ne Una suaa Bible no. Ankyɛ na Una ankasa kaa nea na ɔresua no ho asɛm kyerɛɛ ne yɔnko dwumayɛni Dolly. Saa bere no, Priya a na wadi mfe 11 no kɔɔ so nyaa nkɔso, na osii gyinae sɛ ɔde nsu mu asubɔ bɛyɛ n’ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne wɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam bi ase. Nea ɛyɛɛ Priya anigye kɛse no, wɔbɔɔ Una ne Dolly nso asu wɔ saa nhyiam koro no ara ase!
◻ Afrika aman bi wɔ hɔ a wɔmfaa Yehowa Adansefo adwuma no nhyɛɛ mmara ase. Wɔ ɔman a ɛte saa biako mu no, nnipa a wɔwɔ hɔ no ani gye Adansefo som mu dwumadi ahorow ne gyidi ahorow ho. Wɔ sukuu bi a ɛwɔ saa ɔman no mu mu no, wɔmaa abarimaa bi a wadi mfe ason ne ne nuabarima a wadi mfe asia—Adansefo mma—no kwan sɛ womfi sukuu dan no mu, bere a wɔrebɔ ɔsom mu mpae ahorow no.
Da bi, ɔkyerɛkyerɛfo foforo bi hyɛe sɛ mmarimaa no nka mmofra afoforo no ho mmɔ mpae. Abarimaa a ɔne panyin no ampene so, na ɔkyerɛkyerɛfo no hwee no. Ne nua kumaa, Shadrack, a wadi mfe asia no hyɛe sɛ wɔmma onkohu ɔkyerɛkyerɛfo panyin no wɔ ne office. Ɔkyerɛkyerɛfo panyin no ne ɔkyerɛkyerɛfo no bisaa no nea enti a ɔmpɛ sɛ ɔne afoforo no bom yɛ no. Wobisaa no sɛ ebia osuro sɛ n’wofo bɛhwe no anaa. Obuae wɔ Arab kasa pa mu sɛ: “Dabi, Onyankopɔn a mesom no no nyɛ sakasakayɛ Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn. Merentumi nyɛ Yehowa Adansefo mu biako wɔ fie ne ɔsom foforo muni wɔ sukuu!” Nea efi mu bae ne sɛ wɔamma wamfa ne ho anhyem.
Wɔbɔɔ Etiopiani a wɔka ne ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma nhoma no mu asu wiei no, “ɔde anigye kɔɔ ne kwan.” (Asomafo no Nnwuma 8:39) Saara na nnɛ nso, Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ Afrika asasepɔn a ɛsõ no so no ani gye sɛ wɔwɔ hokwan sɛ ‘wɔbɛka Yesu ho asɛmpa no.’—Asomafo no Nnwuma 8:35.