Yehowa Begye Asase No
DA BIARA wɔto wimhyɛn gyinabea bi a ɛwɔ Maldivefo supɔw so no mu nnɔnhwerew pii. Dɛn ntia? Efisɛ nsu yiri bɛtaa ɔkwan a wimhyɛn gyina so no so, na ɛma ɛyɛ hu sɛ wimhyɛn besi fam. Nyansahufo suro sɛ ebia anyɛ yiye koraa no, ɛpo a ɛwɔ Maldivefo nsupɔw so no beyiri akɔ soro mita 1 wɔ afeha a edi hɔ no mu. Bere a ɛte sɛ nea eyi sua no, nsuyiri a ɛte saa no betumi apopa nsupɔw ason afi hɔ. Nokwarem no, sɛnea UN Chronicle kyerɛ no, sɛ ɛpo no kɔ soro mita 2 a, ɛkame ayɛ sɛ ebetumi akata nsupɔw bɛyɛ 1,200 so!
Dɛn na ɛma ɛpo no yiri kɔ soro saa? Sɛnea Amanaman Nkabom Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia So kyerɛ no, “asase so nnuru” a ama asase no so nneɛma resɛe no ma po a ɛwɔ amantam a ɛhɔ yɛ hyew no kɔ soro, na ɛma nsukyenee nan, na ɛma po no yiri. Panos Adesuabea a ɛwɔ London no ka sɛ asase nneɛma a wɔsɛe no “na ebia ɛde wiase nyinaa asiane a enyi ne ho adi ntɛm ba ma ɛsakra asase ne po no ahye ankasa.”
Nyansahufo da so ara susuw ɔhyew a aba asase so ho. Nanso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho haw no nsiw Onyankopɔn atirimpɔw kwan. Bible no ka sɛ: ‘Asase betim, ɛrenhim da.’ (1 Beresosɛm 16:30) Yehowa wɔ tumi wɔ asase so nneɛma a atwa yɛn ho ahyia so, na yɛn ani betumi agye sɛ obegye asase ne adesamma afi ɔsɛe mu nnansa yi ara.—Dwom 24:1, 2; 135:6; 2 Petro 3:13.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]
NASA mfonini a wɔahwɛ so ayɛ bi