Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 3/1 kr. 32
  • “Bɛyɛ sɛ Dua Nna”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Bɛyɛ sɛ Dua Nna”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 3/1 kr. 32

“Bɛyɛ sɛ Dua Nna”

BƐBORO mfe mpem abiɛsa a atwam ni no, Mose kyerɛwee sɛ: “Yɛn mfirihyiam nna, emu wɔ mfe aduɔson, na sɛ ɛboro so a, na ɛredu aduɔwɔtwe, na emu ahoahoade yɛ ɔbrɛ ne ahuhude.”—Dwom 90:10.

Ɛmfa ho nkɔso a aba wɔ nnuruyɛ mu no, onipa nkwa nna da so te sɛ nea na ɛte wɔ Mose nna no mu ara. Nanso, nnipa renkɔ so ntra asetra a etwam ntɛmso no mu bere nyinaa. Onyankopɔn kae wɔ Bible nhoma a ɛne Yesaia mu sɛ: “Me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.”—Yesaia 65:22.

Nnua a enyin kyɛ sen biara wɔ Bible nsase so biako ne ngo dua. Dua a ne mfonini wɔ ha yi no yɛ ngo nnua pii a adi mfirihyia apem a ɛda so wɔ ahoɔden wɔ Galilea no mu biako. Bere bɛn na nnipa betumi anyin akyɛ saa? Nkɔmhyɛ koro no ara kyerɛkyerɛ mu sɛ, ɛbɛyɛ bere a Onyankopɔn bɛbɔ “ɔsoro foforo [ne asase foforo]” no.—Yesaia 65:17.

Adiyisɛm nhoma no nso hyɛ “ɔsoro foforo ne asase foforo” ho nkɔm—ɔsoro nniso foforo ne adesamma abusua foforo a ɛbɛba, bere a Onyankopɔn ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio’ no.—Adiyisɛm 21:1, 4.

Onyankopɔn bɔhyɛ yi bɛbam nnansa yi ara. Afei, ngo dua nna mpo bɛyɛ sɛ nnɔnhwerew 24 da kɛkɛ. Na yebenya bere pii de adi yɛn nsa ano adwuma akosi ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena