Nkwa Som Bo ma Wo Dɛn?
ABERANTE kumaa bi huruw fii abansoro dan a ɛto so awotwe so bɛhwee fam wui. Ná wakenkan nhoma bi a ɛkaa huruw a wohuruw fi beae tenten bi a ɛte saa wu ho asɛm sɛ “ɛyɛ nea ɛyaw, ahoyeraw anaa ehu biara nnim; na ɛyɛ anigye mmom.” Nhoma yi a wotintim no Japan no kyerɛwfo no kyerɛe sɛ na ɔrema nkurɔfo ahu sɛ “ahokum yɛ asetra mu nneɛma a wotumi paw no mu biako” ara kwa.
Ɛnyɛ nnipa a wokunkum wɔn ho nkutoo ne nkurɔfo a wonni obu ma nkwa nnɛ. Karkafo a wɔntɔ wɔn bo ase nso mmu nkwa koraa. Ebinom mpo nom nsa de ka kar, na pii de kar tu mmirika kunkum wɔn ho.
Afoforo nso nam anigyede a wosi so dua kɛse so kyerɛ sɛnea wonni obu mma nkwa koraa. Wɔn a wɔnom sigaret nnyae nom, ɛmfa ho sɛ sigaretnom tumi kum nnipa, na wɔfrɛ no obi ho a okum no nkakrankakra no. Sɛ́ anka nnipa pii bɛkɔ so atra ase wɔ ahotew mu wɔ wiase a nna ho akɔnnɔ abɔ no dam yi mu no, wɔfa ɔbrasɛe kwan a ɛtaa kowie owu mu no so.
Ebinom nam adidi ntraso, asanom bebrebe, wɔn apɔw mu a wɔntaa nteɛteɛ, ne anigyede akyidi so twa wɔn nkwa nna so a wonnim mpo. Japanni nhoma kyerɛwfo Shinya Nishimaru bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Adidi ntraso haw nipadua no mu akwaa horow dwumadi, na ahotɔ ne anigye nkutoo a nkurɔfo hwehwɛ sɛe wɔn ahoɔden.” Ebinom kura tetefo bi a wɔkae sɛ: “Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu” adwene no bi.—Yesaia 22:13; 1 Korintofo 15:32.
Yiw, nnipa pii mmu nkwa nnɛ. Enti, ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ yebebisa sɛ, Nkwa som bo ma wo dɛn? So ɛsɛ sɛ yɛkora nkwa so ɔkwan biara so? Na so biribi wɔ hɔ a ɛsom bo sen nkwa a yɛwɔ mprempren no?