Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 12/1 kr. 32
  • Nnipa a Wogyina Gyidi Akyi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa a Wogyina Gyidi Akyi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 12/1 kr. 32

Nnipa a Wogyina Gyidi Akyi

BERE a afeha a etwaam no kɔɔ n’awiei no, na nnipa a wogyina nyansahu, nyansapɛ, ne nyamesom ho anibiannaso akyi renya gyidi a wɔwɔ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na wɔnam honhom so na ɛkyerɛw Bible no so nkɛntɛnso bɔne.

Nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo ne adwenkyerɛ a wɔdaa no adi. Nhwehwɛmufo pii hui sɛ wobetumi aka pii de agyina Onyankopɔn mu gyidi akyi mmom sen adwene a ɛne sɛ onni hɔ no. Wɔn nhwehwɛmu no de adanse pii nso mae a ɛkyerɛ sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm a wɔnam honhom so kyerɛwee.

Obi a wagye din a ɔkyerɛɛ n’adwene ne C. T. Russell. Nnipa ɔpepem pii kenkan ne nhoma a ɔkyerɛw no 1886 mu a ɛne The Divine Plan of the Ages no. Ná emu asɛmti biako a ano yɛ den ne “Wɔda no Adi sɛ Ɔbɔadeɛ Pumpuni Nyansafo bi Wɔ Hɔ.”

Wɔ mfe pii a edii akyi mu no, Russell kyerɛw nsɛm, nkratawa, ne nhoma horow a ɛde ntease a emu yɛ den a enti ɛsɛ sɛ wogye Onyankopɔn ne Bible no di mae. Ɔwɛn Aban Asafo no na etintim eyinom. Ne titrani a ɔto so abien, J. F. Rutherford, kyerɛw Creation (1927) ne nhoma afoforo a ɛno nso foaa adwenkyerɛ a wɔde gyinaa gyidi ho asɛm akyi no so.

Saa asafo no asiesie nsɛm afoforo a edi mu wɔ nsɛm yi ho nnansa yi. Yehowa Adansefo betumi ama wo nsa aka eyinom ma woasusuw ho.

Sɛ wobɛpɛ sɛ wunya nsɛm afoforo ka ho anaasɛ wopɛ sɛ obi ne wo bɛyɛ ofie Bible adesua a wuntua hwee a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower Society, P. O. Box 760, Accra, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 2 no mu nea ɛfata.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena