“Saa na Ɛsɛ sɛ Nokware Kristofo Yɛ Wɔn Ade”
TIBOR Wohl a onyaa nkwa wɔ Auschwitz no de nkɔmmɔ bi a na ne mfɛfo nneduafo baanu bi redi a etwaa n’asom ho adanse ma wɔ ne nhoma a ɔkyerɛw no 1990 mu Arbeit macht tot—Eine Jugend in Auschwitz (Adwuma Di Wo Awu—Mmeranteberem wɔ Auschwitz) mu. Wɔn mu biako a na ɔyɛ Austriani kae sɛ ‘ɔnyɛ gyidini.’ Nanso, ɔkamfoo nneduafo a na wɔbobɔ ntamasin kɔkɔɔ ahinasa agyiraehyɛde—Bible Asuafo no, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo wɔ nneduaban no mu no.
Austriani no ka kyerɛɛ ne yɔnko no sɛ: “Wɔnkɔ ko. Wɔbɛpɛ sɛ wokum wɔn sen sɛ wobekum onipa foforo biara. M’adwene yɛ me sɛ saa na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo yɛ wɔn ade. Ma menka osuahu a ɛyɛ anigye bi a minyae wɔ wɔn ho nkyerɛ wo. Yɛne Yudafo ne Bible Asuafo nyinaa trae wɔ Stutthof nneduaban no dan biako mu. Saa bere no na wɔma Bible Asuafo no yɛ adwumaden wɔ abɔnten a ɛhɔ yɛ wiriduu no. Yentumi nhu nea ɛmaa wonyaa nkwa. Wɔkae sɛ Yehowa na ɔmaa wɔn ahoɔden. Ná wonni wɔn paanoo ho agoru koraa, efisɛ na wodi kɔm. Nanso dɛn na wɔyɛe? Wɔkaa paanoo a wɔwɔ nyinaa boom na wɔkyɛɛ mu abien dii fã de fã a aka no maa wɔn nuanom, wɔn honhom mu anuanom a wofi nneduaban afoforo mu bae a ɔkɔm atware wɔn no. Na wɔmaa wɔn akwaaba fefew wɔn ano. Wɔbɔɔ mpae ansa na wɔredidi, na ɛno akyi no, anigye maa wɔn anim yɛɛ sereserew. Wɔkae sɛ na ɔkɔm nne wɔn mu biara bio. Enti, ɛbaa saa no, meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Eyinom ne nokware Kristofo.’ Saa na bere nyinaa na misusuw sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Hwɛ fɛ a anka ɛbɛyɛ sɛ wɔbɛma mfɛfo a wodi kɔm akwaaba saa wɔ Auschwitz ha!”