Gyidi a Yɛn Nuanom Rwandafo de Akokoduru Da no Adi
WƆ 1994 mfiase no, wiase no ho dwiriw no bere a amanneɛbɔ fii Afrika man Rwanda mu bae sɛ okunkɛse bi rekɔ so wɔ hɔ no. Ɔmanko a ano yɛ den bi fii ase—mfehaha pii mu nitan na ɛde bae.
Mmara ne nhyehyɛe pa biara a na enni hɔ bio no hyɛɛ Yehowa Adansefo 2,000 ne akyi a wɔwɔ Rwanda no ma woguan kɔhwehwɛɛ ahobammɔ. Wɔn mu bɛyɛ 1,300 nyaa guankɔbea wɔ aguanfo atrae ahorow wɔ Zaire ne Tanzania a ɛbɛn hɔ no, nanso ebinom antumi anguan ntɛm. Ɛyɛ yɛn awerɛhow sɛ yɛbɛbɔ amanneɛ sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea bɛyɛ 400—mpanyin ne mmofra nyinaa, a akyinnye nni ho sɛ na wɔnyɛ asraafo—awuwu wɔ basabasayɛ a ɛyɛ hu no mu. Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa di saa mudi mu kurafo akokodurufo yi wu ho awerɛhow, na wonya Bible no owusɔre ho bɔhyɛ no mu awerɛkyekye.—Yohane 11:25.
Rwanda anuanom mmarima ne mmea a wɔaka no ayɛ wɔn ade dɛn? Wotuu mpanyimfo fii aman dodow bi mu sɛ wɔn ankasa nkɔ hɔ nkɔhwehwɛ nsɛm mu. Amanneɛbɔ biako kae sɛ Rwanda anuanom no de “nidi ne akokoduru kɛse” agyina tebea no ano. Sɛ́ nhwɛso no, nneɛma a edi kan a anuanom bisae no mu biako ne Bible ho nhoma. Amanneɛbɔ no ba awiei sɛ: ‘Ɛkame ayɛ sɛ honhom mu aduan a wɔn nsa bɛka no hia wɔn sen honam fam mmoa, ɛwom sɛ nneɛma pii na wohia no denneennen de.’ Na ɛmfa ho sɛ aguanfo atrae hɔ tebea no yɛ ahometew no, ‘baabi a ɛhɔ tew sen biara ne faako a yɛn nuanom te no.’
Ɔwɛn Aban Asafo no ayi sika ato hɔ sɛ wɔmfa ntotɔ nnuan, kuntu, ntade, mpaboa, ne nnuru. Yɛn nuanom a wɔwɔ France no fi ayamye mu de nneɛma boae, na eduu June mfiase no, na wɔde ahiade a ɛreyɛ adu tɔn abien akɔma yɛn nuanom Rwandafo a wɔwɔ ahokyere mu no.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ nsɛm tebea yi ayɛ adansedi kɛse. Sɛnea yɛn nuanom Rwandafo no nya mmoa a ɛte saa fi mfɛfo Adansefo hɔ, na wɔatumi ama afoforo saa mmoa yi bi no aka wɔn a wɔde wɔn ani hu no koma. Ebinom aka sɛ Adansefo no nkutoo na wɔn som mufo abɛsra wɔn wɔ aguanfo atrae hɔ!
Asɛm a ato yɛn nuanom Rwandafo no kae yɛn sɛ “nna a edi akyiri” yi mu no, nnipa bɛyɛ “wɔn a wɔyɛ keka” ne “anuɔdenfo.” (2 Timoteo 3:1-5) Na ɛwom sɛ Yehowa nhyɛ ne nkurɔfo bɔ sɛ ɔbɛbɔ wɔn ho ban afi honam fam asiane mu anwonwakwan so de, nanso ɔhyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ wɔn honhom fam yiyedi ne abusuabɔ a ɛda wɔne ne ntam no ho ban na wanyan wɔn a mprempren wowu no wɔ Kristo Mfirihyia Apem nniso no mu. (Dwom 91:1-10) Ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so abɔ mpae ama yɛn nuanom Rwandafo a wɔaka no sɛ Yehowa nwowaw wɔn na ɔmmoa wɔn wɔ saa sɔhwɛ bere yi mu.—Dwom 46:1.