Mfe Du ni a wɔatintim Ɛne Engiresi de no Bere Koro mu!
BERE a wobisaa Spaniani onuawa bi sɛnea ɔtee nka wɔ mfe du ni a wofii ase tintim Spania kasa mu Ɔwɛn-Aban ne Engiresi de no wɔ bere koro mu no, obuae sɛ: ‘Yɛte nka sɛ ɛyɛ nhyira efisɛ mprempren, wobɛka no dɛn mpo, yɛne wɔn a wɔka Engiresi kasa nyinaa nsa ka nsɛm koro wɔ bere koro mu. Sɛ meka Engiresi a, ɛma misusuw Yehowa ahyehyɛde no ho bere nyinaa. Yɛfrɛ ahyehyɛde no “Awo.” Yɛte nka sɛ yɛbɛn asafo no yiye. Ɛyɛ anigye. Ɛyɛ nwonwa!’
Nkate a akenkanfo pii a wontumi nkenkan Engiresi kasa wɔ na onuawa yi daa no adi no. Mfe bi a atwam no, na sɛ asɛm bi ba Engiresi Ɔwɛn-Aban mu a, edi bɛyɛ asram asia ansa na apue Spania de mu. Kasa afoforo nso kaa akyi saa ara. Sɛnea ntease wom no, na yɛwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yebetintim nsɛnkoro wɔ bere koro mu wɔ kasa horow pii mu.
Enti, Spania Ɔwɛn-Aban no ne kasa a edi kan a wotintim ɛno ne Engiresi de no wɔ bere koro mu, na wɔde April 1, 1984 de no na efii ase. Ankyɛ na wɔyɛɛ saa wɔ kasa afoforo mu. Ɛde besi 1985 mfiase no, na wotintim kasa horow 23 ne Engiresi de no wɔ bere koro mu. Bere a wonyaa nkyerɛasefo na wɔtetee wɔn no, wobetintim kasa horow pii ne Engiresi de no wɔ bere koro mu.
Saa Ɔwɛn-Aban a ekura wo yi kyerɛ mfe du pɛpɛɛpɛ ni a wotintim nsɛmma nhoma yi wɔ kasa afoforo mu kaa Engiresi de no ho wɔ bere koro mu. Mprempren wotintim Ɔwɛn-Aban no wɔ kasa horow 116 mu, na wotintim emu 85 bere koro mu. Eyi kyerɛ sɛ Ɔwɛn-Aban no mfuamfua 16,100,000 a wotintim no mu ɔha biara nkyekyem 99.3 na akyi mfonini ne emu nsɛm yɛ adekoro. Wɔn a wɔkɔ dapɛn dapɛn Ɔwɛn-Aban Adesua ase no mu nea ɛboro ɔha biara mu nkyekyem 95 na wosusuw asɛnkoro ho wɔ bere koro mu.
Wotintim Nyan! a ɛyɛ Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no hokafo no wɔ kasa horow 74 mu, na emu 37 na wotintim no bere koro mu. Wotintim afe afe Yearbook of Jehovah’s Witnesses no wɔ kasa horow 18 mu. Nsɛm a wotintim no bere koro mu saa no ka Onyankopɔn nkurɔfo bom wɔ “adwenkoro ne nsusuwii koro mu.”—1 Korintofo 1:10.