“Momma Yɛnkenkan Pii Ansa na Yɛasi Atwetwe”
SAA na obi a ofi New Zealand ka faa Ɔwɛn-Aban, nsɛmma nhoma a worekenkan yi ho. Ɛdefa asɛm bi a ɛfa Onyankopɔn soro teaseɛnam a wɔaka ho asɛm wɔ Hesekiel ti 1 ho no onii no kyerɛwee sɛ:
“Ateasefo baanan, anaa kerubim no mu biara wɔ ntaban anan ne anim anan. Na wɔwɔ gyata anim a ɛkyerɛ Yehowa atɛntrenee; nantwi anim a egyina hɔ ma Onyankopɔn tumi; ɔkɔre anim a ɛkyerɛ ne nyansa; ne onipa anim a ɛkyerɛ Yehowa dɔ.
“Bere a mesan tĩĩ nsɛm yi mu ken- kanee mpɛn pii no, metee anigye nka wɔ me komam. Anigye maa nusu taataa me. Nea ɛbaa m’adwenem ara ne sɛ, ‘Yehowa, wo ho bɛyɛ fɛ dɛn ara!’ Nkate foforo a manya wɔ saa Yehowa Nyankopɔn a wiaseni a ɔte sɛ me no, masi no atwetwe mfe pii hɔ no ama mabotow. Mede aseda ma ‘Yehowa Adansefo,’ na nnipa pii a wɔte sɛ me no, meka sɛ, ‘Momma yɛnkenkan pii ansa na yɛasi atwetwe.’”