Britania Kristofo Nsiyɛfo
Sɛnea The Economist Kyerɛ no, Britania nnipa ɔpepem 56 no mu nea wonnu ɔha biara mu nkyem 10 na mprempren wɔyɛ Kristofo a wɔyɛ nsi. Kwasida biara, wɔn a wɔkɔ asɔre no dodow nnu ɔpepem anan. Eyinom mu ɔpepem 1.1 pɛ na wɔyɛ Anglikanfo. Nanso, ɛmfa ho sɛ nnipa pii yɛ anibiannaso wɔ nyamesom ho no, wɔda so ara bu Church of England sɛ Ɔman asɔre. Sɛnea nsɛmma nhoma koro no ara kyerɛ no, “mfe pii ni no, Britaniafo nnii Kristosom akyi nanso wɔpow sɛ wobegye atom sɛ wɔyɛ anibiannaso wɔ nyamesom ho, titiriw esiane sɛ wɔn ani gyina wɔn kan asetra mu nyamesom gyinabea no nti.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnɛyi amanyɛfo ne nsɛm amanneɛbɔfo ka sɛ wonyi asɔre no mfi ne gyinabea sɛ ɔman asɔre, na wontwa abusuabɔ a ɛda Asɔre ne Ɔman ntam no mu no.
Walter Bagehot, a na ɔyɛ The Economist samufo wɔ afeha a ɛto so 19 mu no kae sɛ: “Wiase a emu nnipa de wɔn ho hyehyɛ wiase no mu ankasa na wɔkyerɛ sɛ wodi Kristosom akyi no yɛ wiase a asɛe sen biara.” Nanso wɔ afeha a edi kan Y.B. mu mu no, Yesu Kristo kae sɛ n’asuafo no nyɛ ‘wiase no fã, sɛnea na ɔnyɛ wiase no fã no.’ (Yohane 17:16) Nanso, ɔsomaa wɔn kɔɔ wiase no mu sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. Saa ara na nnɛ, wonim Yehowa Adansefo yiye wɔ wiase nyinaa sɛ wɔde nsi ka asɛm wɔ “gua so ne afi mu.”—Asomafo no Nnwuma 20:20.
Sɛ wɔde Adansefo 126,173 a wɔwɔ Britania no toto Anglikanfo ho a, Adansefo no sua. Nanso wɔde bɛyɛ nnɔnhwerew 20 kɔ Kristofo nhyiam ɔsram biara. Afei nso, wɔ 1992 mu no, Ɔdansefo biara de nnɔnhwerew 16 foforo kaa Onyankopɔn Ahenni, nniso a ɛnkyɛ ɛde trenee wiase foforo bɛba, no ho asɛmpa kyerɛɛ afoforo. (Mateo 24:14; 2 Petro 3:13) Bere foforo a Yehowa Adansefo bɛba wo fie no, wo wubetie wɔn nkrasɛm a ɛda nso no na woahu nea ɛkanyan wɔn ma wɔyɛ nsiyɛfo no?