Ɔko Maa ne Gyidi
MFE abiɛsa a atwam ni no, ɛho behiae denneeennen sɛ wɔyɛ Caridad Bazán Listán a ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo wɔ Cádiz, Spaín, no oprehyɛn ntɛm ara. Na biribi denneennen te sɛ abo a ɛba dwensɔtoaa no mu a wɔfrɛ no Gallstone ama wanya atiridii na na ɛresɛe ne mogya. Bere a wogyee no too ɛhɔnom ayaresabea no, ɔkyerɛkyerɛɛ ne gyinabea a egyina Bible so a ɛne sɛ onnnye mogya no mu. Nnuruyɛfo no penee so sɛ wɔbɛyɛ oprehyen no a wɔmfa mogya nni dwuma. Nanso, aka bere tiaa bi ama wɔde no akɔ oprehyen dan no mu no, nnuruyɛfo no kae sɛ ɔmfa ne nsa nhyɛ krataa bi ase. Na krataa no mu nsɛm kyerɛ sɛ wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛkyerɛ obu ama ne gyinaesi wɔ mogya ho no, nanso sɛ asɛnnennen bi sɔre a, wɔpɛ sɛ ɔma kwan ma wɔfa ɔkwan biara a eho hia so yɛ no aduru.
Asafo mu panyin bi a na ɔwɔ ayaresabea hɔ ne Caridad babarima a ɔno nso yɛ Ɔdansefo tuu no fo wɔ ɔhaw a ebetumi afi ne nsa a ɔde bɛhyɛ krataa a ɛte saa ase no mu aba no ho. Na anka ne nsa a ɔde bɛhyɛ krataa no ase bɛma nnuruyɛfo no tumi ma wɔama no mogya sɛ ɛba sɛ tebea a emu yɛ den sɔre a. Bere a ayaresabea adwumayɛfo rebɛfa no akɔ oprehyɛn dan no mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔremfa ne nsa nhyɛ krataa no ase. Wɔsan de no kɔɔ ɔdan a ɔda mu no mu na wɔhyɛɛ no denneennen sɛ ɔnsesa n’adwene.
Nkɔmmɔbɔ pii akyi no, wosii gyinae sɛ wɔbɛfrɛ ɔtemmufo a onim ayaresa ho mmara na wama wasesa n’adwene, nanso ankosi baabiara. Caridad kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔte nka sɛ, sɛ ɔma kwan ma wɔma no mogya a, obedi fɔ wɔ Onyankopɔn anim. Ɔdaa no adi sɛ wɔ Mose Mmara ase no, sɛ wɔto ɔbea bi mmonnaa, na sɛ ɔteɛteɛm hwehwɛ mmoa de ko tia a, wommmu no sɛ odi fɔ. (Deuteronomium 22:23-27) Ɔkae sɛ: “Nnuruyɛfo no rebu wɔn ani agu m’apɛde so na wɔrebɔ mmɔden asɛe m ahonim, enti ɛsɛ sɛ meko tia te sɛ nea wɔreto me mmonnaa ara pɛ.”
Nnɔnhwerew pii twaam, na awiei koraa no, nnuruyɛfo no penee so sɛ wɔbɛyɛ no oprehyɛn a wɔmma no mogya. Caridad bisaa hokwan de bɔɔ Yehowa mpae wɔ oprehyɛn dan no mu. Ɔyɛɛ saa na oprehyɛn no yɛɛ yiye.
Nanso akyiri yi Caridad tebea mu yɛɛ den, na nnuruyɛfo no sii gyinae sɛ wobebu wɔn ani agu n’apɛde no so na wahyɛ no ama no mogya. Enti, oduruyɛfo ne ɔyarehwɛfo bi siesiee wɔn ho sɛ wɔbɛma no mogya. Ɛwom sɛ na Caridad ayɛ mmerɛw de, nanso ɔde n’ahoɔden nyinaa ko tiae. Otumi kaa rɔba hama a na wɔde mogye no rebɛfa mu no mu mpo. Awiei koraa no, oduruyɛfo no ani wui kɛse wɔ nea na wɔreyɛ no ho araa ma wogyaee. Ɔkae sɛ: “Mintumi nkɔ so nyɛ saa bio. Megyae!”
Caridad tumi faa nsɛnnennen no mu, na ɔtee apɔw a ɔhaw afoforo biara amma bio. Ne gyidi ne n’akokoduru no nyaa nnuruyɛfo ne ayaresabea adwumayɛfo no so tumi kɛse. Eyi nyinaa sii bere a na Caridad adi mfe 94.