Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wohwehwɛ Nokware a Bible no Yɛ Mu?
Wubu Bible no dɛn? Ebinom gye di yiye sɛ ɛyɛ Onyankpɔn adiyisɛm ma onipa. Afoforo gye di sɛ ɛyɛ nhoma bi ara kwa. Afoforo nso nsusuw ho. Sɛ wowɔ Bible no fibea ho adwenem naayɛ bi a, ntease horow a emu yɛ den wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wohwehwɛ mu na wuhu mu nokware.
ƐDE besi afeha a ɛto so 18 mu no, na wobu Bible no kɛse sɛ Onyankopɔn Asɛm wɔ Kristoman nsase so. Nanso fi afeha a ɛto so 19 mu reba no, akyerɛkyerɛfo, nyansahufo, ne nyamekyerɛfo ne asɔfo mpo a wɔredɔɔso fii ase kaa wɔn adwenem a ɛyɛ wɔn nãã wɔ nokware a Bible no yɛ ho asɛm pefee.
Ne saa nti Bible no a wɔkasa tia atrɛw araa ma nnipa binom ka Bible no ho asɛmmɔne bere a wonnim emu nsɛm mpo. Mprempren nnipa pii a wɔwɔ Kristoman mu de wɔn ho ato nnipa nyansa so mmom na ɛnyɛ Bible no. Nanso, nnɛyi nyansapɛ ntumi mfaa wiase a ahotɔ anaa anigye wom mmae ɛ. Ɛno ne ntease pa biako nti a ɛsɛ sɛ wohwehwɛ Bible no mu na woahu sɛ ebia n’akwankyerɛ de anigye ne yiyedi ba a.
Ntease foforo nti a ɛsɛ sɛ wohwehwɛ nokware a Bible no yɛ mu ne anidaso a ɛyɛ nwonwa a ɛde ma adesamma no. Sɛ nhwɛso no, Dwom 37:29 ka sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Adiyisɛm 21:3-5) Tumi bɛn na bɔhyɛ ahorow a ɛte saa nya wɔ wo so? Nokwarem no, eyinom ne ntease afoforo pii nti na ɛsɛ sɛ wohwehwɛ Bible no mu hwɛ, na woahu sɛ ɛyɛ nea wubetumi de wo ho ato so a.
Saa nsɛmma nhoma yi akɔ so ada nokware a Bible no yɛ adi bere nyinaa na ɛtaa de adanse a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nokware ma. Mmeae pii wɔ hɔ a wobetumi agyina so asɔ ahwɛ sɛ Bible no yɛ nokware anaa. Ɔwɛn-Aban ahorow a ɛba no bɛboa wo ma woabua saa nsemmisa yi: So tete abakɔsɛm mu nokwasɛm a wonim ne Bible no hyia? So ne nkɔmhyɛ ahorow no bam pɛpɛɛpɛ? So wotumi de n’afotu ahorow di adwuma, anaasɛ nnɛyi akyerɛkyerɛfo ne nyansapɛfo atumi akyerɛ sɛ Bible no bere atwam?
Asase ho nsɛm nso ne ade foforo a wubetumi agyina so asɔ nokware a Bible no yɛ ahwɛ. Abosonsomfo atetesɛm ntaa ne asase ho nokwasɛm ahorow nhyia. Sɛ nhwɛso no, tetefo pii aka akwan a wose wotu kɔ awufo wiase ho nsɛm pii. Wɔ tete Helafo fam no, nhoma A Guide to the Gods kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wohui sɛ asase yɛ tɛtrɛɛ a nsu kɛse a wɔfrɛ no Po atwa ho ahyia. Eyi akyi na Awufo wiase no wɔ, asase a asɛe a ɛso aduru sum a nnua tumm a ɛnsow aba sisi so.” Bere a ɛbɛdaa adi sɛ eyi yɛ anansesɛm no, na ɛsɛ sɛ saa abosonsomfo nyansapɛfo no san de nea wose ɛyɛ awufo wiase no kɔ beae foforo. Nhoma kyerɛwfo Richard Carlyon kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wonyaa beae a ɛfata wɔ asase ase a wɔnam asase ase akwan pii so na ɛkɔ hɔ.” Ɛnnɛ yenim sɛ eyi nso sɛ anansesɛm. Beae bi a awufo ahonhom wɔ ne akwan a ɛkɔ hɔ biara nni hɔ.
Nea ɛnte sɛ tetefo anansesɛm no, nsusuwii a ɛnyɛ nokware a ɛne sɛ asase yɛ tɛtrɛɛ no nni Bible no mu. Mmom no, ɛka nyansahu mu nokwasɛm sɛ asase no yɛ kontonkron a ensi biribiara so. (Hiob 26:7; Yesaia 40:22) Na asase ho nsɛm afoforo nso a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no nso ɛ? So ɛyɛ anansesɛm, anaasɛ wotumi hu nea Bible ka ho nsɛm no ho mfonini bere a wɔakɔsra nnɛ bere mu Egypt, a Sinai Supɔw no ka ho, ne nnɛyi Israel no?
[Mfonini wɔ kratafa 3]
“Ɔno . . . na ɔte asase kontonkron so.”—Yesaia 40:22
“Ɔno . . . na ɔde asase sɛn nea biribiara nni.”—Hiob 26:7